Deuteronomium 15:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Enti pɛ biribi ma no;+ mmɔ no ayamuɔnwono na Yehowa wo Nyankopɔn ahwɛ so ahyira biribiara a woyɛ so, deɛ wo nsa bɛsɔ mu biara.+ Mmebusɛm 11:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so nya bebree;+ na obi nso kame adeɛ, nanso hia ara na ɛhia no.+ Mmebusɛm 14:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Deɛ ɔbu ne yɔnko animtia no yɛ bɔne,+ na anigyeɛ ne deɛ ɔdom mmɔborɔni.+ Mmebusɛm 19:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Deɛ ɔdom ɔbrɛfoɔ no de fɛm Yehowa,+ na deɛ ɔde ama no, Ɔbɛtua no ka.+ Luka 6:38 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 38 Monkɔ so mma na nkurɔfoɔ ama mo.+ Susukoraa pa a wɔamia so awoso no ama no abu soɔ na wɔde bɛgu mo ntoma mu. Na susukoraa a mode susu ma nkurɔfoɔ no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo.”+ 2 Korintofoɔ 9:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Na yei mu no, deɛ ɔgu no pɛpɛɛ+ soɔ no bɛtwa pɛpɛɛ so, na deɛ ɔgu pii+ no bɛtwa pii. 1 Yohane 3:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Na obiara a ɔwɔ wiase asetenadeɛ+ na ɔhunu sɛ ahia ne nua+ na ɔnhu no mmɔbɔ no,+ Onyankopɔn dɔ te ne mu sɛn?+
10 Enti pɛ biribi ma no;+ mmɔ no ayamuɔnwono na Yehowa wo Nyankopɔn ahwɛ so ahyira biribiara a woyɛ so, deɛ wo nsa bɛsɔ mu biara.+
38 Monkɔ so mma na nkurɔfoɔ ama mo.+ Susukoraa pa a wɔamia so awoso no ama no abu soɔ na wɔde bɛgu mo ntoma mu. Na susukoraa a mode susu ma nkurɔfoɔ no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo.”+
17 Na obiara a ɔwɔ wiase asetenadeɛ+ na ɔhunu sɛ ahia ne nua+ na ɔnhu no mmɔbɔ no,+ Onyankopɔn dɔ te ne mu sɛn?+