Deuteronomium 15:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɛnsɛ sɛ ɛhia obi wɔ wo kurom, ɛfiri sɛ Yehowa bɛhyira+ wo asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo sɛ agyapadeɛ no so.+ Deuteronomium 24:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 “Sɛ wotwa w’afuo mu nnɔbaeɛ+ na wogya nnɔbaeɛ a wɔakyekyere no bi wɔ hɔ a, nsan nkɔfa. Gya ma ɔhɔhoɔ ne agyanka ne okunafoɔ+ na Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo nsa ano adwuma nyinaa so.+ Dwom 41:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 41 Anigyeɛ ne deɛ ɔhu ɔbrɛfoɔ mmɔbɔ;+Yehowa bɛgye no ahohia da mu.+ Mmebusɛm 22:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Deɛ ɔhu mmɔbɔ no bɛnya nhyira, ɛfiri sɛ ɔde aduane ma ohiani.+ Yesaia 32:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Na ɔyamyɛfoɔ deɛ, n’afotuo kɔ ayamyɛ so, na ayamyɛ mu ara na ɔbɛgyina.+ 2 Korintofoɔ 9:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Bio nso, Onyankopɔn bɛtumi ama n’adom nyinaa abu so ama mo, na berɛ a daa monya deɛ ɛbɛsõ mo biribiara mu no, moanya pii ama adwuma pa biara.+
4 Ɛnsɛ sɛ ɛhia obi wɔ wo kurom, ɛfiri sɛ Yehowa bɛhyira+ wo asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo sɛ agyapadeɛ no so.+
19 “Sɛ wotwa w’afuo mu nnɔbaeɛ+ na wogya nnɔbaeɛ a wɔakyekyere no bi wɔ hɔ a, nsan nkɔfa. Gya ma ɔhɔhoɔ ne agyanka ne okunafoɔ+ na Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo nsa ano adwuma nyinaa so.+
8 Bio nso, Onyankopɔn bɛtumi ama n’adom nyinaa abu so ama mo, na berɛ a daa monya deɛ ɛbɛsõ mo biribiara mu no, moanya pii ama adwuma pa biara.+