Yesaia
32 Hwɛ, ɔhene+ bi bɛdi adeɛ tenenee mu,+ na aberempɔn+ nso bɛdi tumi atɛntenenee mu. 2 Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano huntabea ne ahum+ ano dwankɔbea, asase kesee so nsutene+ ne asase wesee so botan kɛseɛ nwunu.+
3 Wɔrenka adehunufoɔ ani mfemfam so, na wɔn a wɔte asɛm no bɛwɛn wɔn aso.+ 4 Wɔn a wɔn ho pere wɔn no akoma bɛhwehwɛ nimdeɛ,+ na wɔn a wɔpo dodoɔ no kɛtrɛma bɛkasa yɔɔ ama emu ada hɔ.+ 5 Wɔremfrɛ ogyimfoɔ sɛ ɔdɛɛfoɔ bio, na deɛ ɔnka mmara no, wɔrenka sɛ ɔyɛ otitire.+ 6 Na ogyimfoɔ de n’ano bɛka agyimisɛm+ na ɔde n’akoma asusu bɔne+ sɛ ɔbɛte atua*+ na waka nsɛmmɔne atia Yehowa, sɛ ɔbɛma ɔkra a ɛkɔm de no yafunu ada mpan+ na wama nsuo abɔ deɛ sukɔm de no. 7 Na obi a ɔnka mmara deɛ, n’adwinnadeɛ nyinaa yɛ bɔne,+ na n’afotuo kɔ ɔbrasɛeɛ mu,+ na ɔde atosɛm sɛe abrɛfoɔ,+ berɛ a ohiani ka nokorɛ mpo.
8 Na ɔyamyɛfoɔ deɛ, n’afotuo kɔ ayamyɛ so, na ayamyɛ mu ara na ɔbɛgyina.+
9 “Mmaa a mo ho atɔ mo, monsɔre ntie me!+ Mma mmaa a hwee mfa mo ho, monyɛ aso mma m’asɛm! 10 Akyɛ koraa afe ne nna kakra mu no, mo a hwee mfa mo ho no yam bɛhyehye mo,+ ɛfiri sɛ bobe teteɛ bɛba awieeɛ, nanso wɔremmoa hwee ano.+ 11 Mmaa a mo ho atɔ mo, mo yam nhyehye mo! Mo a hwee mfa mo ho, ehu nka mo! Monyi mo ntadeɛ nna adagya, na momfa atweaatam nsi mo asene.+ 12 Momfa mo nsa mmɔ mo koko ntwa adwo,+ mo mfuo fɛfɛ+ ne mo bobe a ɛso aba nti. 13 Nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ nko na afu me manfoɔ asase soɔ,+ na afa anigyeɛ afie ne ahurisie kuro nyinaa.+ 14 Wɔagya abankɛseɛ ato hɔ,+ na kuro no mu dede ayera. Ofel+ ne ɔwɛn aban bɛdane serɛ, na ɛbɛyɛ serɛ so mfunumu agodibea daa ne nnwan adidibea, 15 kɔsi sɛ wɔbɛhwie honhom afiri soro+ agu yɛn soɔ na serɛ adane turo na wɔabu turo no sɛ kwaeɛ.+
16 “Na atɛntenenee bɛtena serɛ so na tenenee atena turo mu.+ 17 Tenenee nnwuma bɛyɛ asomdwoeɛ,+ na nokorɛ tenenee aba bɛyɛ kommyɛ ne ahotɔ akɔsi daa.+ 18 Na me manfoɔ bɛtena asomdwoeɛ tenabea, ahotɔ fie, ne kommyɛ ahomegyebea.+ 19 Na berɛ a kwaeɛ bɛhwe fam no, asukɔtweaa bɛtɔ,+ na wɔbɛbrɛ kuro no ase korakora.+
20 “Anigyeɛ ne mo a mogu aba asuo nyinaa ho,+ na mogyae nantwie ne afunumu ma wɔnantenanteɛ.”+