Yesaia 60:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “Wɔrente basabasayɛ wɔ w’asase so bio, na wɔrente amamfoyɛ ne ɔsɛeɛ wɔ w’ahyeɛ so.+ Wobɛfrɛ w’afasuo sɛ Nkwagyeɛ+ na woafrɛ wo nkuro apono sɛ Ayeyie. Yesaia 65:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni. Na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna,+ na wɔn a mayi wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma amee.+ Yeremia 23:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ne nna mu no, wɔbɛgye Yuda,+ na Israel bɛtena ase dwoodwoo.+ Edin a wɔde bɛfrɛ no ne, Yehowa Ne Yɛn Tenenee.”+ Hesekiel 34:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam+ na mama wuram mmoa bɔne afiri asase no so,+ na wɔbɛtena serɛ so dwoodwoo na wɔadeda kwaeɛ mu.+ Hosea 2:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Na me ne wuram mmoa, ne ewiem nnomaa, ne mmoa a wɔwea fam bɛyɛ apam saa da no ama wɔn,+ na mɛbubu agyan ne nkrantɛ mu na mayi akodie afiri asase no so,+ na mɛma wɔatena hɔ dwoodwoo.+
18 “Wɔrente basabasayɛ wɔ w’asase so bio, na wɔrente amamfoyɛ ne ɔsɛeɛ wɔ w’ahyeɛ so.+ Wobɛfrɛ w’afasuo sɛ Nkwagyeɛ+ na woafrɛ wo nkuro apono sɛ Ayeyie.
22 Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni. Na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna,+ na wɔn a mayi wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma amee.+
6 Ne nna mu no, wɔbɛgye Yuda,+ na Israel bɛtena ase dwoodwoo.+ Edin a wɔde bɛfrɛ no ne, Yehowa Ne Yɛn Tenenee.”+
25 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam+ na mama wuram mmoa bɔne afiri asase no so,+ na wɔbɛtena serɛ so dwoodwoo na wɔadeda kwaeɛ mu.+
18 Na me ne wuram mmoa, ne ewiem nnomaa, ne mmoa a wɔwea fam bɛyɛ apam saa da no ama wɔn,+ na mɛbubu agyan ne nkrantɛ mu na mayi akodie afiri asase no so,+ na mɛma wɔatena hɔ dwoodwoo.+