Yesaia 2:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na ɔbɛbu atɛn amanaman no mu,+ na ɔbɛsiesie+ nsɛm ama aman pii.+ Na wɔde wɔn nkrantɛ bɛyɛ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ kantankrankyi.+ Ɔman bi rentwe nkrantɛ ɔman bi so, na wɔrensua akodie bio.+ Yesaia 11:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Wɔrenyɛ bɔne+ na wɔrensɛe adeɛ bio wɔ me bepɔ kronkron+ no nyinaa so, ɛfiri sɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛdeɛ nsuo akata po soɔ no.+ Yesaia 54:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 W’ase bɛtim tenenee mu.+ Wo ne nhyɛsoɔ ntam bɛware,+ na worensuro obiara; wo ne ahudeɛ nso ntam bɛware, na ɛremmɛn wo.+ Sakaria 9:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Na mɛyɛ me ho dɔm awɛn me fie+ ho, na obiara remfa hɔ nkɔ, na ɔremfiri hɔ mma. Obiara remfa hɔ mmɛhyɛ wɔn so,+ ɛfiri sɛ deɛ ɛrekɔ soɔ nyinaa, m’ani tua.+
4 Na ɔbɛbu atɛn amanaman no mu,+ na ɔbɛsiesie+ nsɛm ama aman pii.+ Na wɔde wɔn nkrantɛ bɛyɛ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ kantankrankyi.+ Ɔman bi rentwe nkrantɛ ɔman bi so, na wɔrensua akodie bio.+
9 Wɔrenyɛ bɔne+ na wɔrensɛe adeɛ bio wɔ me bepɔ kronkron+ no nyinaa so, ɛfiri sɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛdeɛ nsuo akata po soɔ no.+
14 W’ase bɛtim tenenee mu.+ Wo ne nhyɛsoɔ ntam bɛware,+ na worensuro obiara; wo ne ahudeɛ nso ntam bɛware, na ɛremmɛn wo.+
8 Na mɛyɛ me ho dɔm awɛn me fie+ ho, na obiara remfa hɔ nkɔ, na ɔremfiri hɔ mma. Obiara remfa hɔ mmɛhyɛ wɔn so,+ ɛfiri sɛ deɛ ɛrekɔ soɔ nyinaa, m’ani tua.+