Yesaia 1:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Na mɛsan ama wo atemmufoɔ sɛ kane no, na wobɛnya afotufoɔ te sɛ mfitiaseɛ no.+ Afei wɔbɛfrɛ wo Tenenee Kuropɔn, Nokorɛ Kuro.+ Yesaia 60:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Wo man deɛ, wɔn nyinaa bɛyɛ ateneneefoɔ,+ na wɔbɛfa asase no adi so daa.+ Deɛ madua yi bɛfefɛ,+ na me nsa ano adwuma+ bɛma m’anim aba nyam.+ 2 Petro 3:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na sɛdeɛ ne bɔhyɛ teɛ no, yɛretwɛn ɔsoro foforɔ+ ne asase foforɔ,+ na yei mu na tenenee bɛtena.+
26 Na mɛsan ama wo atemmufoɔ sɛ kane no, na wobɛnya afotufoɔ te sɛ mfitiaseɛ no.+ Afei wɔbɛfrɛ wo Tenenee Kuropɔn, Nokorɛ Kuro.+
21 Wo man deɛ, wɔn nyinaa bɛyɛ ateneneefoɔ,+ na wɔbɛfa asase no adi so daa.+ Deɛ madua yi bɛfefɛ,+ na me nsa ano adwuma+ bɛma m’anim aba nyam.+