Yesaia
1 Yuda ahemfo+ Usia,+ Yotam,+ Ahas,+ ne Hesekia+ berɛ so, anisoadeɛ+ a Amus ba Yesaia+ nyaa no Yuda ne Yerusalem ho nie:
2 Ɔsoro tie,+ asase yɛ aso, na Yehowa aka sɛ: “Mayɛn mma ama wɔanyinyini,+ nanso wɔate me so atua.+ 3 Nantwie nim deɛ ɔtɔɔ no, na afunumu nim ne wura adididaka, nanso Israel deɛ, ɔnnim;+ me ara me man nni nteaseɛ.”+
4 Nnebɔneyɛfoɔ man,+ due, ɔman a bɔne adondɔn no, bɔne asefoɔ,+ mma a wɔasɛeɛ!+ Wɔagya Yehowa,+ wɔabu Israel Kronkronni no animtia,+ wɔasan wɔn akyi.+ 5 Mo hefa bio na wɔmmɔ?+ Adɛn nti na moda so te atua yi?+ Eti mũ no nyinaa yare, na akoma mũ no nyinaa ayɛ mmerɛ.+ 6 Ɛfiri tire kɔsi nan ase, baabiara nni hɔ a asɛm nni ho.+ Nipadua no nyinaa adane apirakuro, asoasoa na ɛho nyinaa abeabea—wɔmmiaeɛ na wɔnkyekyereeɛ, na wɔmfaa ngo nsraa so.+ 7 Mo asase adane amamfõ,+ na wɔde gya ahye mo nkuro.+ Ahɔhoɔ+ redi mo asase so aba+ wɔ mo anim pɛɛ, na asase no asɛe sɛ deɛ ahɔhoɔ abutu no.+ 8 Aka Sion babaa+ wɔ hɔ te sɛ bobeturom sese, te sɛ ɔwɛmfoɔ pata wɔ ɛferɛ afuo mu, te sɛ kuro a atamfo akã emufoɔ ahyɛ mu.+ 9 Sɛ asafo Yehowa annya nkaefoɔ kakra amma yɛn a,+ anka yɛayɛ sɛ Sodom na yɛadane sɛ Gomora.+
10 Sodom+ atumfoɔ,+ montie Yehowa asɛm.+ Gomorafoɔ man, monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn mmara. 11 Yehowa asɛm nie: “Mfasoɔ bɛn na mɛnya afiri mo afɔdeɛ bebrebe no soɔ? Adwennini+ hyeɛ afɔdeɛ+ ne mmoa sradeɛ+ no afono me. Na anantwie ne nnwammaa ne mpapo+ mogya+ nso, m’ani nsɔ.+ 12 Sɛ moba m’anim+ a, hwan na ɔhwehwɛ yei firi mo hɔ, sɛ mommɛtiatia m’adihɔ?+ 13 Monnkɔ so mmfa aduane mmmɛbɔ afɔdeɛ hunu wɔ m’anim bio.+ Aduhwam nso, mekyiri koraa.+ Modi bosome foforɔ+ ne homeda,+ na mobɔ dwa,+ nanso menni asumansɛm+ ne nhyiamu titire no ho akoma. 14 Me kra kyiri mo abosome foforɔ ne mo afahyɛ ahodoɔ no.+ Ɛyɛ adesoa ma me;+ ne soa ama mabrɛ.+ 15 Sɛ motrɛ mo nsam a,+ meyi m’ani hunta mo.+ Mo mpaeɛ dodoɔ+ no nyinaa mentie,+ ɛfiri sɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.+ 16 Monhohoro mo ho,+ monte mo ho,+ monyi mo nneyɛɛ bɔne mfiri m’anim,+ na monnyae bɔneyɛ.+ 17 Monsua papayɛ,+ monhwehwɛ atɛntenenee,+ montene osisifoɔ so,+ monni agyanka asɛm mma no,+ na monka bi mma okunafoɔ.”+
18 Yehowa asɛm nie: “Afei mommra mma yɛntoto nneɛma yie.+ Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na sɛ ayɛ kɔɔ te sɛ kɔbene mpo a, ɛbɛyɛ sɛ odwan nwi. 19 Sɛ moyɛ aso tie a, mobɛdi asase no so nnepa.+ 20 Na sɛ moantie+ na mosɔre tia me a, nkrantɛ bɛdi mo nam; Yehowa no ara anom asɛm nie.”+
21 Hwɛ sɛdeɛ kuro nokwafoɔ+ adane odwamanfoɔ!+ Kane no na atɛntenenee ayɛ no mã,+ na tenenee te ne mu,+ nanso afei deɛ, adane awudifoɔ nko.+ 22 Wo dwetɛ adane fĩ pɔtɔɔ,+ na wo nsã nso, wɔde nsuo afra mu.+ 23 W’atumfoɔ asene wɔn kɔn na wɔne akorɔmfoɔ na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmudeɛ,+ na wɔtĩ akyɛdeɛ.+ Wɔnni agyanka asɛm mma no, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.+
24 Enti asafo Yehowa, Awurade nokwafoɔ, Israel Tumfoɔ no,+ asɛm nie: “Hwɛ, mɛma me ho adwo me, m’atamfo+ ho, na mɛtua wɔn a wɔtan me no ka.+ 25 Mɛdane me nsa aba wo so, na mɛnane wo ayi wo mu fĩ te sɛ deɛ mede samina reyi fĩ, na mɛyi wo mu fĩ nyinaa ato agu.+ 26 Na mɛsan ama wo atemmufoɔ sɛ kane no, na wobɛnya afotufoɔ te sɛ mfitiaseɛ no.+ Afei wɔbɛfrɛ wo Tenenee Kuropɔn, Nokorɛ Kuro.+ 27 Wɔde atɛntenenee bɛgye Sion,+ na wɔde tenenee agye+ ne mma a wɔbɛsan aba no. 28 Na wɔbɛsɛe atuatefoɔ ne abɔnefoɔ nyinaa prɛko,+ na wɔatwa wɔn a wɔgya Yehowa no afiri hɔ.+ 29 Nnipa ani bɛwu nnupɔn a mo ani gyee ho no ho,+ na mo anim agu ase mo nturo ho.+ 30 Na mobɛyɛ sɛ dupɔn a n’ahahan apoɔ,+ na moadane sɛ turo a ɛnnya nsuo. 31 Ɔbarima katakyie bɛyɛ sɛ asaawa,+ na n’adwuma ayɛ sɛ egya nturituriiɛ. Na wɔde gya bɛhye mmienu no nyinaa prɛko, na obiara nni hɔ a ɔbɛdum no.”+