Yesaia
2 Anisoadehunu a Amus ba Yesaia nyaa no Yuda ne Yerusalem ho nie:+ 2 Na nna a ɛdi akyire+ no mu no, Yehowa fie bepɔ+ bɛtim hɔ wɔ mmepɔ atifi,+ na wɔbɛma so asene nkokoɔ nyinaa,+ na aman nyinaa bɛsene yuu akɔ hɔ.+ 3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: “Mommra+ mma yɛnkɔ Yehowa bepɔ so, Yakob Nyankopɔn fie, na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan na yɛanante n’atempɔn so.”+ Na Sion na mmara bɛfiri aba, na Yerusalem na Yehowa asɛm bɛfire.+ 4 Na ɔbɛbu atɛn amanaman no mu,+ na ɔbɛsiesie+ nsɛm ama aman pii.+ Na wɔde wɔn nkrantɛ bɛyɛ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ kantankrankyi.+ Ɔman bi rentwe nkrantɛ ɔman bi so, na wɔrensua akodie bio.+
5 Yakob fiefoɔ, mommra mma yɛnnante Yehowa hann mu.+
6 Woagya wo man Yakob fie,+ ɛfiri sɛ apueeɛ nneɛma ahyɛ wɔn mã.+ Wɔdi asumansɛm+ te sɛ Filistifoɔ, na ananafoɔ mma na wɔne wɔn di nsawɔsoɔ.+ 7 Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase so mã, na wɔn ademudeɛ nni ano.+ Apɔnkɔ ahyɛ wɔn asase so mã, na wɔn nteaseɛnam nni ano.+ 8 Anyamehunu ahyɛ wɔn asase so mã,+ na wɔkoto onipa nsa ano adwuma, adeɛ a ɔdasani de ne nsateaa ayɛ.+ 9 Ɔdasani abrɛ ne ho ase, onipa aba fam, na wontumi mfa mfiri wɔn.+
10 Yehowa ho hu ne ne kɛseyɛ a ɛnni ano nti,+ kɔhyɛ botan mu na fa wo ho sie anwea mu. 11 Ɔdasani ani a ɛtra ne ntɔn no bɛbrɛ ase na nnipa ahomasoɔ aba fam.+ Saa da no, Yehowa nko ara na wɔbɛma ne soɔ.+ 12 Ɛyɛ asafo Yehowa da.+ Na ɛbɛba obiara so, deɛ ɔyɛ ahantan, deɛ n’ani tra ne ntɔn, deɛ wɔama ne soɔ anaa wɔabrɛ no aseɛ.+ 13 Ɛbɛba Lebanon ntweneduro+ atenten kokuroo ne Basan nnupɔn+ nyinaa so. 14 Na ɛbɛba mmepɔ atenten ne nkokoɔ a wɔama soɔ nyinaa so.+ 15 Ɛbɛba abantenten ne afasuo denden nyinaa so,+ 16 ne Tarsis ahyɛn+ ne akodoɔ fɛfɛ nyinaa so. 17 Na ɔdasani ahantan bɛba fam na nnipa ahomasoɔ abrɛ ase.+ Saa da no, Yehowa nko ara na wɔbɛma ne soɔ.+
18 Na anyamehunu no bɛfiri hɔ koraa.+ 19 Sɛ Yehowa ma ne ho so ma asase woso a,+ ne ho hu ne ne kɛseyɛ a ɛnni ano nti,+ nnipa bɛkɔ akɔhyehyɛ abodan ne asase mu ntokuro mu. 20 Saa da no, ɔdasani bɛto ne dwetɛ anyamehunu ne ne sika abosonhuhuo a wɔayɛ ama no sɛ ɔnkoto wɔn no agu ama fiamo ne apan.+ 21 Na sɛ Yehowa ma ne ho so ma asase woso a, ne ho hu ne ne kɛseyɛ a ɛnni ano nti,+ wɔbɛkɔ akɔhyɛ abotan mu ntokuro ne abodan mu. 22 Enti montwe mo ho mfiri ɔdasani ho, onipa a ɔhome fa ne hwenem.+ Ɛdeɛn na ɛbɛma wɔabu ne ho akonta?+