1 Samuel 2:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Wɔn a wɔne Yehowa di asie no, ehu bɛka wɔn;+Wɔn na ɔbɛma aprannaa abobom wɔ soro agu wɔn soɔ.+Yehowa na ɔbɛbu asase ano nyinaa atɛn,+Na wama ne hene ahoɔden,+Na wama deɛ wasra no no abɛn soɔ.”+ Dwom 82:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Sɔre ɛ, O Onyankopɔn, na bu asase atɛn;+Na wo na ɛsɛ sɛ wodi amanaman nyinaa soɔ.+ Dwom 96:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yehowa anim. Ɛfiri sɛ waba;+Waba sɛ ɔrebɛbu asase atɛn.+Ɔbɛbu asase atɛn tenenee mu,+Na ɔbɛbu amanaman atɛn nokorɛdie mu.+ Dwom 110:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɔbɛbu atɛn amanaman no mu;+Ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma.+Ɔbɛbubu ɔman a wɔdɔɔso so panin pasaa.+ Asomafoɔ Nnwuma 17:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Ɛfiri sɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ ɔnam ɔbarima bi a wayi no so bɛbu asase atɛn+ wɔ tenenee mu, na wanyane+ no afiri awufoɔ mu de ayɛ nnyinasodeɛ ama nnipa nyinaa.”
10 Wɔn a wɔne Yehowa di asie no, ehu bɛka wɔn;+Wɔn na ɔbɛma aprannaa abobom wɔ soro agu wɔn soɔ.+Yehowa na ɔbɛbu asase ano nyinaa atɛn,+Na wama ne hene ahoɔden,+Na wama deɛ wasra no no abɛn soɔ.”+
13 Yehowa anim. Ɛfiri sɛ waba;+Waba sɛ ɔrebɛbu asase atɛn.+Ɔbɛbu asase atɛn tenenee mu,+Na ɔbɛbu amanaman atɛn nokorɛdie mu.+
31 Ɛfiri sɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ ɔnam ɔbarima bi a wayi no so bɛbu asase atɛn+ wɔ tenenee mu, na wanyane+ no afiri awufoɔ mu de ayɛ nnyinasodeɛ ama nnipa nyinaa.”