Dwom Dawid dwom. Ayeyi dwom 110 Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ me Wura ne sɛ:+“Tena me nsa nifa+Kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.”+ 2 W’ahoɔden poma no,+ Yehowa bɛsoma afiri Sion,+ na waka sɛ:“Kɔ w’atamfo mfimfini kɔdi wɔn so.”+ 3 Wo man+ bɛtu wɔn ho ama koraa,+ da a wobɛkyerɛ wo tumi no.+Wo mmeranteɛ asafodɔm bɛka wo ho wɔ ahohyehyɛ kronkron mu,+Sɛ bosuo a ɛfiri adekyeeɛ yam.+ 4 Yehowa aka ntam+ (na ɔrennu ne ho)+ sɛ:“Woyɛ ɔsɔfoɔ kɔsi mmerɛsanten+Wɔ Melkisedek kwan so!”+ 5 Yehowa bɛgyina wo nsa nifa so+Abubu ahemfo pasaa n’abufuo da no.+ 6 Ɔbɛbu atɛn amanaman no mu;+Ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma.+Ɔbɛbubu ɔman a wɔdɔɔso so panin pasaa.+ 7 Ɛkwan no so asutene mu nsuo na ɔbɛnom.+Ɛno nti na ɔbɛma ne tiri soɔ no.+