Dwom 2:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Asase so ahemfo sɔre gyina,+Na atumfoɔ bom+Sɔre tia Yehowa+ ne deɛ wasra no no.+ Hesekiel 38:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Ɛda a Gog bɛba Israel asase soɔ no, m’abufuo bɛdɛre wɔ me hwenem.+ Romafoɔ 2:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Nanso mode mo akoma a ayɛ den+ na apirim+ no reboaboa abufuo+ ano aba mo so abufuo da+ ne berɛ a Onyankopɔn bɛyi+ ne tenenee atemmuo+ adie no. Adiyisɛm 11:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Nanso amanaman no bo fuiɛ, na wo ara w’abufuo ne berɛ a ɛsɛ sɛ wobu awufoɔ atɛn no baeɛ, na wode akatua+ ama wo nkoa adiyifoɔ+ ne akronkronfoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din, nketewa ne akɛseɛ,+ na woasɛe+ wɔn a wɔresɛe asase no.”+ Adiyisɛm 19:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Na mehunuu akekaboa+ no ne asase so ahemfo+ ne wɔn asafodɔm a wɔaboaboa wɔn ho ano sɛ wɔne deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no soɔ+ no ne ne dɔm rebɛko.+
18 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Ɛda a Gog bɛba Israel asase soɔ no, m’abufuo bɛdɛre wɔ me hwenem.+
5 Nanso mode mo akoma a ayɛ den+ na apirim+ no reboaboa abufuo+ ano aba mo so abufuo da+ ne berɛ a Onyankopɔn bɛyi+ ne tenenee atemmuo+ adie no.
18 Nanso amanaman no bo fuiɛ, na wo ara w’abufuo ne berɛ a ɛsɛ sɛ wobu awufoɔ atɛn no baeɛ, na wode akatua+ ama wo nkoa adiyifoɔ+ ne akronkronfoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din, nketewa ne akɛseɛ,+ na woasɛe+ wɔn a wɔresɛe asase no.”+
19 Na mehunuu akekaboa+ no ne asase so ahemfo+ ne wɔn asafodɔm a wɔaboaboa wɔn ho ano sɛ wɔne deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no soɔ+ no ne ne dɔm rebɛko.+