2 Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye+
Na aman pii keka nsɛnhunu?+
2 Asase so ahemfo sɔre gyina,+
Na atumfoɔ bom+
Sɔre tia Yehowa+ ne deɛ wasra no no.+
3 Wɔka sɛ: “Momma yɛntete wɔn nhoma mu,+
Na yɛnto wɔn ntampehoma mfiri yɛn ho ngu!”+
4 Deɛ ɔte ɔsorosoro no+ bɛsere;
Na Yehowa bɛdi wɔn ho fɛ.+
5 Saa berɛ no, ɔbɛkasa akyerɛ wɔn n’abufuo mu,+
Na n’abufuhyeɛ mu na ɔbɛma wɔabɔ hu.+
6 Ɔbɛka sɛ: “Me na masi me hene+
Wɔ Sion,+ me bepɔ kronkron no soɔ.”+
7 Ma menka Yehowa mmara;
Waka akyerɛ me sɛ: “Woyɛ me ba;+
Me na ɛnnɛ mayɛ w’agya.+
8 Bisa me,+ na mede amanaman bɛma wo sɛ w’agyapadeɛ;+
Mede asase ano nyinaa bɛma wo ama woadi so.+
9 Wode dadeɛ poma+ bɛbubu wɔn,
Wobɛbubu wɔn asinasini+ sɛ ɔnwemfoɔ anwenneɛ.”
10 Afei ahemfo, monhunu nyansa;
Asase so atemmufoɔ, momma wɔntenetene mo.+
11 Momfa osuro+ nsom Yehowa,
Na momfa ahopopoɔ nni ahurisie.+
12 Monyɛ ɔba no atuu+ na Onyankopɔn bo amfu,
Na moanyera wɔ kwan mu,+
Ɛfiri sɛ n’abufuo dɛre ntɛm.+
Anigyeɛ ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.+