2 Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye
Na nkurɔfoɔ no keka nsɛnhunu?+
2 Asaase so ahemfo sɔre gyina,
Na atumfoɔ bom sɔre tia+ Yehowa
Na wɔsɔre tia deɛ wasra no no.+
3 Wɔka sɛ: “Momma yɛntete wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu,
Na yɛnto wɔn nhoma no ngu!”
4 Deɛ ɔte ahennwa so wɔ soro no bɛsere;
Yehowa bɛdi wɔn ho fɛ.
5 Saa berɛ no, ɔbɛkasa akyerɛ wɔn n’abufuo mu,
Na n’abufuhyeɛ nti wɔbɛbɔ hu.
6 Ɔbɛka sɛ: “Me na masi me hene+
Wɔ Sion,+ me bepɔ kronkron no so.”
7 Ma menka Yehowa mmara ho asɛm;
Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Woyɛ me ba;+
Ɛnnɛ mabɛyɛ w’agya.+
8 Bisa me, na mede amanaman bɛma wo sɛ w’agyapadeɛ;
Mede asaase nyinaa bɛma wo ama woadi so.+
9 Wode dadeɛ poma+ bɛbubu wɔn pasaa,
Na woayam wɔn sɛ ɔnwemfoɔ anwenneɛ.”+
10 Afei ahemfo, monhu nyansa;
Asaase so atemmufoɔ, momma wɔntenetene mo.
11 Momfa osuro nsom Yehowa,
Na momfa ahopopoɔ nni ahurisie wɔ ne mu.
12 Monhyɛ ɔba+ no animuonyam na Onyankopɔn bo amfu,
Na moansɛe wɔ kwan no mu,+
Ɛfiri sɛ n’abufuo tumi dɛre ntɛm.
Anigyeɛ ne wɔn a wɔde no yɛ wɔn dwankɔbea nyinaa.