Dawid dwom; berɛ a ɔredwane afiri ne ba Absalom anim no.+
3 O Yehowa, adɛn nti na m’atamfo adɔɔso saa?+
Adɛn nti na nnipa pii sɔre tia me?+
2 Nnipa pii ka no me kra ho sɛ:
“Onyankopɔn rennye no nkwa.”+ Sela.
3 Nanso wo Yehowa, wone me kyɛm,+
Wone m’animuonyam+ ne Deɛ ɔma me tiri soɔ.+
4 Mɛma me nne so afrɛ Yehowa,
Na ɔbɛgye me so afiri ne bepɔ kronkron so.+ Sela.
5 Me deɛ, mɛda me kɛtɛ so, na mada;
Mɛnyane ɛfiri sɛ Yehowa gyina m’akyi.+
6 Merensuro nnipa mpempem
A wɔatwa me ho ahyia.+
7 O Yehowa, sɔre ɛ!+ Me Nyankopɔn,+ gye me ɛ!+
Bubu m’atamfo nyinaa apantan.+
Dwiri abɔnefoɔ sẽ.+
8 Nkwagyeɛ yɛ Yehowa dea.+
Wo nhyira wɔ wo man so.+ Sela.