Yesaia
3 Hwɛ, asafo Yehowa, Awurade nokwafoɔ no,+ bɛyi deɛ ɛwowa wɔn nyinaa afiri Yerusalem+ ne Yuda, aduane ne nsuo nyinaa,+ 2 ne dɔmmarima ne ɔkofoɔ, ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ,+ deɛ ɔhyɛ abosonkɔm ne ɔpanin,+ 3 aduonum so safohene+ ne onimuonyamfoɔ ne ɔfotufoɔ, deɛ ɔnim asumansɛm na waben kaberekyerɛ mu.+ 4 Na mɛma mmarimaa ayɛ wɔn so atumfoɔ na akakabensɛm adi wɔn so.+ 5 Onipa bɛhyɛ ne yɔnko so, baako bɛhyɛ ɔfoforɔ so.+ Abarimaa bɛhuri agyina ɔpanin so+ na onipahunu atiatia onimuonyamfoɔ anim.+ 6 Na obiara bɛsɔ ne nua mu wɔ ne papa fie aka sɛ: “Wowɔ atadeɛ, bɛdi yɛn so tumi,+ na deɛ adwiri aguo yi mmɛhyɛ w’ase.” 7 Saa da no, ɔbɛma ne nne so aka sɛ: “Merentumi mmia akuro biara; menni aduane anaa atadeɛ wɔ me fie. Enti monnyɛ me otumfoɔ wɔ ɔman yi so.”
8 Yerusalem asunti, na Yuda ahwe ase,+ ɛfiri sɛ wɔn kɛtrɛma ne wɔn nneyɛɛ asɔre atia Yehowa,+ na wɔate onimuonyamfoɔ no anim atua.+ 9 Wɔn anim yɛbea bu wɔn fɔ,+ na wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom;+ wɔntumi mfa nsie. Wɔn kra nnue, ɛfiri sɛ wɔde mmusuo aba wɔn ara wɔn so.+
10 Monka sɛ ɛbɛsi ɔteneneeni yie,+ na wɔbɛdi wɔn nneyɛɛ so aba.+ 11 Ɔbɔnefoɔ nnue! Mmusuo di n’akyi; na deɛ ɔyɛeɛ no ara bi na wɔde bɛyɛ no!+ 12 Me man deɛ, n’ahwɛfoɔ hyɛ ne so, na mmaa mpo di ne so.+ O me man, w’akwankyerɛfoɔ ama woafom kwan,+ na wɔama w’akwan ayɛ nworonworann.+
13 Yehowa gyina hɔ sɛ ɔde n’asɛm bɛto dwa, wasɔre sɛ ɔrebɛbu aman atɛn.+ 14 Yehowa bɛbu ne man mpanimfoɔ ne emu atumfoɔ atɛn.+
“Moahye bobeturo no. Nneɛma a wɔawia afiri ahiafoɔ nkyɛn no wɔ mo afie mu.+ 15 Adɛn nti na mopɛkyɛ me man, na moyam ahiafoɔ?”+ Asafo Yehowa, Awurade Tumfoɔ no, asɛm nie.
16 Yehowa aka sɛ: “Ɛsiane sɛ Sion mma mmaa yɛ ahantan na wɔnante de wɔn ti to wɔn kɔn akyi, na wɔpa wɔn ani akyi yi akyẽa, na wɔma nkawa a ɛgu wɔn nan gyegyeɛ nti,+ 17 Yehowa nso bɛma Sion mma mmaa apampam adɔ ntwom+ na Yehowa ama wɔn moma so ada hɔ.+ 18 Saa da no, Yehowa bɛyi wɔn afɛfɛdeɛ afiri wɔn ho: nanpɔso nkawa ne abotitam ne nnwinneɛ a ɛte sɛ bosome,+ 19 ne asomuadeɛ, nkapo ne nkatanimu,+ 20 ne abotire ne deɛ wɔde gu nan, abomu+ ne aduhwam ntoa ne sɛbɛ,+ 21 ne mpɛtea ne hwenem nkawa,+ 22 ne adehyetadeɛ atenten ne ngugusoɔ, nkatakɔnmu ne sika kotokuo, 23 ne ahwehwɛ+ ne fam atadeɛ ne abotitene+ ne nkatanimu kɛseɛ.+
24 “Afei adeɛ a ɛbɔn bɛsi balsam ngo+ ananmu, homa bɛsi abɔsoɔ ananmu, atipa+ bɛsi mmɛsa ananmu, atweaatam+ bɛsi atade pa ananmu, na ahyehyekuro twã+ bɛsi ahoɔfɛ ananmu. 25 Na wo mmarima bɛtotɔ nkrantɛ ano na w’akatakyie awuwu ɛko mu.+ 26 Kuro no ano pono bɛsu adi awerɛhoɔ,+ na ɛbɛda mpan. Ɔbɛtena fam tim.”+