Yesaia
3 Hwɛ! Nokorɛ Awurade asafo Yehowa
Bɛyi adeɛ biara a ɛboa Yerusalem ne Yuda no afiri hɔ:
Aduane ne nsuo nyinaa,+
2 Ɔsabarima ne ɔkofoɔ,
Ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ,+ deɛ nkurɔfoɔ kɔ ne nkyɛn abisa ne ɔpanin,
3 Aduonum so panin,+ onimuonyamfoɔ, ne ɔfotufoɔ,
Deɛ waben asumansɛm mu ne deɛ waben kaberekyerɛ mu.+
4 Mɛma mmarimaa ayɛ wɔn so atumfoɔ,
Na deɛ n’adwene nsi pi adi wɔn so.
Abarimaa bɛkasa atia panin,
Na nipahunu de onimuonyamfoɔ+ anim atwitwiri fam.
6 Obiara bɛsɔ ne nua mu wɔ ne papa fie aka sɛ:
“Wowɔ ataadeɛ, bɛdi yɛn so.
Ma deɛ adwiri aguo yi mmɛhyɛ w’ase.”
7 Nanso saa da no, ɔbɛka sɛ:
“Merenkyekyere mo akuro;*
Menni aduane anaa ataadeɛ wɔ me fie.
Monnyɛ me otumfoɔ wɔ ɔman yi so.”
Wɔnnue,* ɛfiri sɛ wɔde mmusuo reba wɔn ho so!
11 Ɔbɔnefoɔ nnue!
Mmusuo bɛba ne so,
Ɛfiri sɛ deɛ ɔde ne nsa ayɛ no, ɛno ara bi na wɔde bɛyɛ no!
12 Me man deɛ, n’ahwɛfoɔ hyɛ ne so,
Na mmaa di ne so.
Me man, w’akwankyerɛfoɔ ama woafom kwan,
Na wɔama w’akwan ayɛ nworonworann.+
13 Yehowa gyina hɔ sɛ ɔde n’asɛm bɛto dwa,
Wasɔre sɛ ɔrebɛbu aman atɛn.
14 Yehowa bɛbu ne man mpanimfoɔ ne emu atumfoɔ atɛn.
15 Adɛn nti na mopɛkyɛ me man,
Na mode ahiafoɔ anim twitwiri fam?”+ Awurade Tumfoɔ asafo Yehowa asɛm nie.
16 Yehowa aka sɛ: “Ɛsiane
sɛ Sion mma mmaa yɛ ahantan,
Na wɔnante memamema wɔn mmati so,*
Na wɔpa wɔn ani akyi, na wɔyi akyẽa,
Na wɔma nkawa a ɛgu wɔn nan gyegyeɛ nti,
18 Saa da no, Yehowa bɛyi wɔn afɛfɛdeɛ afiri wɔn ho:
Nanpɔ so nkawa ne abotire ne agudeɛ a ɛte sɛ bosome,+
19 Nsomuadeɛ, nkapo, ne nkataanimu,
20 Abotire, ne kawa a wɔde to nan, ne abɔsoɔ,*
Aduhwam ntoa* ne nsɛbɛ,
22 Adehyetaadeɛ atenten, ngugusoɔ, nkatakɔnmu, ne sika nkotokuo,
Abotire ne nkataanimu.