26 Ɛfiri sɛ abɔnefoɔ wɔ me nkurɔfoɔ mu.
Wɔtetɛ daa sɛdeɛ nnomaayifoɔ kotokoto no.
Wɔsum fidie a ɛdi awuo.
Nnipa na wɔde yi wɔn.
27 Nnaadaa ayɛ wɔn afie ma,+
Te sɛ ebuo a nnomaa ayɛ mu ma.
Ɛno nti na wɔanya tumi na wɔanya wɔn ho no.
28 Wɔadodɔre sradeɛ, na wɔayeyɛ nomenome.
Bɔne adondɔn wɔn.
Wɔnni agyanka asɛm mma no,+
Ɛno nti wɔdi yie;
Na wɔmmu atɛn mma ahiafoɔ.’”+