-
Yesaia 3:14Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Yehowa bɛbu ne man mpanimfoɔ ne emu atumfoɔ atɛn.
-
-
Mika 3:9-11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Mepa mo kyɛw montie wei, mo, Yakob fie atitire
Ne mo, Israel fie atumfoɔ,+
Mo a mokyiri atɛntenenee na mokyea deɛ ɛtene nyinaa,+
10 Mo a mode mogyahwieguo kyekyere Sion na mode amumuyɛ kyekyere Yerusalem.+
Nanso wɔde wɔn ho to Yehowa so* ka sɛ:
“Ɛnyɛ Yehowa na ɔka yɛn ho yi?+
Mmusuo biara remma yɛn so.”+
-