Yesaia
1 Yuda ne Yerusalem ho anisoadehunu a Amus ba Yesaia*+ nyaa wɔ Yuda ahemfo+ Usia,+ Yotam,+ Ahas,+ ne Hesekia+ berɛ so no nie:
Na afunumu nim ne wura adididaka;
Me ankasa me man nni nteaseɛ.”
5 Moda so ara rete atua? Seesei mo hefa bio na wɔmmɔ?+
Etire no nyinaa yare,
Na akoma mu no nyinaa yare.+
6 Ɛfiri tire kɔsi nan ase, baabiara nni hɔ a ɛte apɔ.*
7 Mo asaase adane amamfo.
Wɔde gya ahye mo nkuro.
Ahɔhoɔ redi mo asaase so aba wɔ mo anim pɛɛ.+
Ɛte sɛ asaase a ahɔhoɔ abutu no ama no asɛe.+
8 Aka Sion babaa wɔ hɔ, te sɛ apata* a ɛsi bobefuo* mu,
Te sɛ apata a ɛwɔ ɛferɛ afuo mu,
Te sɛ kuro a atamfo aka emufoɔ ahyɛ mu.+
10 Sodom+ atumfoɔ atirimuɔdenfoɔ,* montie Yehowa asɛm.
Gomorafoɔ,+ monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn mmara.*
11 Yehowa asɛm nie: “Mfasoɔ bɛn na menya firi mo afɔreɛ bebrebe no so?+
Adwennini hyeɛ afɔreɛ+ ne mmoa a wɔte apɔ sradeɛ+ afono me,
Na anantwie+ ne nnwan mma ne mpɔnkye+ mogya+ nso, m’ani nsɔ.
13 Mommfa aduane afɔreɛ hunu mmma m’anim bio.
Mekyiri mo aduhwam kɔkɔkɔkɔ.+
14 Mekyiri* mo abosome foforɔ ne mo afahyɛ ahodoɔ no.
Ayɛ adesoa ama me;
Mabrɛ ne ne soa.
17 Monsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntenenee,+
Montene osisifoɔ so,
Monni agyanka asɛm mma no,
Na monka bi mma okunafoɔ.”+
18 Yehowa asɛm nie: “Afei mommra, na momma yɛntoto nneɛma yie.+
Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan,
Nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;+
Ɛwom, ayɛ kɔɔ te sɛ kɔbene,
Nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ odwan nwi.
21 Hwɛ sɛdeɛ kuro nokwafoɔ+ no adane tuutuuni!+
23 W’atumfoɔ aso yɛ den na wɔne akorɔmfoɔ na ɛbɔ.+
Wɔn mu biara ani gye adanmudeɛ* ho, na wɔdi akyɛdeɛ akyi.+
Wɔmmu atɛntenenee mma nnyanka,
Na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim da.+
24 Enti nokorɛ Awurade asafo Yehowa,
Israel Tumfoɔ no asɛm nie:
“Hwɛ! Mɛyi m’atamfo afiri me ho,
Na mɛtua wɔn a wɔtan me no ka.+
25 Mɛdane me nsa aba wo so,
Na mɛnane wo ayi wo mu fĩ te sɛ deɛ mede samina* reyi fĩ,
Na mɛyi wo mu fĩ nyinaa.+
Ɛno akyi wɔbɛfrɛ wo Tenenee Kuropɔn, Nokorɛ Kuro.+