-
1 Ahemfo 9:6, 7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 Nanso sɛ wo ne wo mma dane mo akyi kyerɛ me, na moanni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mede ama mo no so, na mokɔsom anyame foforɔ na mokoto wɔn a,+ 7 ɛnneɛ me nso asaase a mede ama Israel no, mɛtu wɔn afiri so,+ na efie a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛto afiri m’anim atwene,+ na wɔde Israel aka asɛm asere* adi ho fɛ wɔ aman nyinaa mu.+
-