Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
9 Berɛ a Solomon wiee Yehowa fie ne ahemfie* no+ ne biribiara a ɛda Solomon akoma so sɛ ɔbɛyɛ no ara pɛ,+ 2 Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon ne mprenu so sɛdeɛ ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ Gibeon no.+ 3 Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ ne w’adesrɛ a wode too m’anim no. Mayɛ efie a woasi yi kronkron de me din ato so kɔsi daa;+ mɛma m’ani aku ho na mahwɛ so daa.+ 4 Na wo, sɛ wode akoma a ɛdi mu+ som me na woyɛ adetenenee+ te sɛ wo papa Dawid,+ na woyɛ deɛ maka akyerɛ wo nyinaa,+ na wodi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so a,+ 5 ɛnneɛ me nso mɛma w’ahennwa atim Israel so daa sɛdeɛ mehyɛɛ wo papa Dawid bɔ no. Meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahennwa so.’+ 6 Nanso sɛ wo ne wo mma dane mo akyi kyerɛ me, na moanni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mede ama mo no so, na mokɔsom anyame foforɔ na mokoto wɔn a,+ 7 ɛnneɛ me nso asaase a mede ama Israel no, mɛtu wɔn afiri so,+ na efie a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛto afiri m’anim atwene,+ na wɔde Israel aka asɛm asere* adi ho fɛ wɔ aman nyinaa mu.+ 8 Na efie yi bɛdane amamfo,+ na obiara a ɔbɛtwam no bɛhunu ama ne ho adwiri no, na wabɔ hwerɛma aka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asaase yi ne efie yi sei?’+ 9 Na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔagya Yehowa, wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn agyanom firii Egypt asaase so no ntira; wɔagya no hɔ akɔdi anyame foforɔ akyi, na wɔakoto asɔre wɔn. Ɛno nti na Yehowa de amanehunu yi nyinaa aba wɔn so no.’”+
10 Solomon de mfeɛ 20 na ɛsii afie mmienu no, Yehowa fie ne ahemfie* no.+ 11 Tiro hene Hiram+ de sida nnua ne papao nnua ne sika kɔkɔɔ dodoɔ biara a Solomon pɛ bɛboaa no,+ ɛnna Ɔhene Solomon de nkuro 20 a ɛwɔ Galilea asaase so maa Hiram. 12 Enti Hiram firii Tiro kɔhwɛɛ nkuro a Solomon de maa no no, nanso n’ani annye ho. 13 Ɛnna ɔbisaa no sɛ: “Me nua, nkuro bɛn na wode ama me yi?” Ɛno nti wɔafrɛ hɔ Kabul Asaase* de abɛsi nnɛ. 14 Hiram soma maa wɔde sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ* 120 kɔmaa ɔhene.+
15 Apaafoɔ+ a Ɔhene Solomon maa wɔsii Yehowa fie,+ ɔno ara ne fie,* Esie no,*+ Yerusalem fasuo, Hasor,+ Megido,+ ne Geser+ no ho nsɛm nie. 16 (Ná Egypt hene Farao akɔ Geser so akɔko agye kuro no de gya ahye, na Kaananfoɔ+ a wɔtete kuro no mu nso, na wakunkum wɔn. Enti ɔde kuro no maa ne babaa,+ Solomon yere no, de gyaa no kwan.*) 17 Solomon san kyekyeree Geser, Anaafoɔ Bet-Horon,*+ 18 Baalat,+ ne Tamar a ɛwɔ serɛ so wɔ n’asaase so, 19 na Solomon adekora nkuro nyinaa, nteaseɛnam nkuro,+ nkuro a ɔkyekyere maa ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so, ne ɛdan biara a Solomon pɛɛ sɛ ɔsi wɔ Yerusalem, Lebanon, ne nsaase a ɔdi so nyinaa nso, ɔyɛɛ ho adwuma. 20 Nnipa a aka a wɔfiri Amorifoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ mu a wɔnyɛ Israelfoɔ no,+ 21 wɔn mma a wɔkaa asaase no so a Israelfoɔ antumi ansɛe wɔn no, Solomon de wɔn yɛɛ nkoadwuma, na wɔayɛ nkoa de abɛsi nnɛ.+ 22 Israelfoɔ deɛ, Solomon amfa obiara anyɛ akoa amma no anyɛ adwuma amma no;+ mmom na wɔyɛ n’asraafoɔ, n’asomfoɔ, ne mpanimfoɔ, ne wɔn a wɔhwɛ ne nteaseɛnam ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so. 23 Ná Solomon wɔ mpanimfoɔ so akunini 550; wɔn na na wɔdeda adwumayɛfoɔ no ano.+
24 Farao babaa+ no deɛ, ɔfirii Dawid Kuro mu+ kɔɔ efie a wasi ama no no mu. Ɛno akyi na ɔhene kyekyeree Esie no.*+
25 Afe biara, na Solomon bɔ afɔreɛ mprɛnsa+ wɔ afɔrebukyia a ɔsi maa Yehowa no so,+ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ. Afei nso, na ɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Yehowa anim no so. Enti ɔwiee efie no ho adwuma nyinaa.+
26 Ɔhene Solomon yeyɛɛ ahyɛn pii nso wɔ Esion-Geber.+ Ná ɛhɔ bɛn Elot wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ano wɔ Edom asaase so.+ 27 Hiram maa ne nkoa a wɔnim po so adwuma kɔkaa Solomon nkoa ho ne wɔn yɛɛ adwuma;+ wɔrekɔ no, wɔde po so ahyɛn kɔeɛ. 28 Wɔkɔɔ Ofir,+ na wɔgyee sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ 420 brɛɛ Ɔhene Solomon.