Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
10 Afei Saba hemmaa tee sɛdeɛ Yehowa ama Solomon agye din.+ Enti ɔbaa sɛ ɔde nsɛmmisa a ɛkyere adwene* rebɛsɔ no ahwɛ.+ 2 Ɔde dɔm kɛseɛ*+ ne yoma a wɔsoso balsam ngo+ ne sika kɔkɔɔ pii ne aboɔden aboɔ baa Yerusalem. Ɔbaa Solomon nkyɛn, na ɔde biribiara a ɛda n’akoma so too ɔhene anim. 3 Ɛnna Solomon nso buaa ne nsɛm no nyinaa; biribiara nni hɔ a ɛkyeree ɔhene so a wantumi ankyerɛ mu.
4 Berɛ a Saba hemmaa huu Solomon nyansa nyinaa,+ efie a wasi,+ 5 nnuane a ɛwɔ ne pono so,+ sɛdeɛ n’ahemfie mpanimfoɔ tete ne nkyɛn, n’asomfoɔ a wɔsom wɔ pono ho ne wɔn ntaadeɛ, nsahyɛfoɔ, ne ɔhyeɛ afɔreɛ a daa ɔbɔ no Yehowa fie no, ɔhemmaa no ho dwirii no papaapa.* 6 Enti ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo nyansa ne deɛ woayɛ ho nsɛm* a metee no m’asaase so nyinaa yɛ nokorɛ. 7 Mannye wɔn nsɛm no anni kɔsii sɛ me ara mede m’ani bɛhunuiɛ; deɛ wɔka kyerɛɛ me no, anokwa, ɛnnuru wo nyansa ne w’ahonyadeɛ no fã mpo! Deɛ mabɛhunu yi boro deɛ meteeɛ no so koraa. 8 Anigyeɛ ne wo nkurɔfoɔ, na anigyeɛ ne wo nkoa a wɔgyina w’anim daa tie wo nyansa no!+ 9 Ayeyie nka Yehowa wo Nyankopɔn;+ ɔno na ayɛ no fɛ sɛ ɔde wo bɛtena Israel adwa so. Yehowa dɔ Israel kɔsi daa, enti na wasi wo hene sɛ hwɛ ma atɛntenenee ne tenenee nkɔ so no.”
10 Ɛnna ɔmaa ɔhene sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ* 120, balsam ngo+ pii, ne aboɔden aboɔ.+ Balsam ngo dodoɔ a Saba hemmaa de maa Ɔhene Solomon no, obiara amfa bi amma saa bio.
11 Hiram ahyɛn a na ɛde sika kɔkɔɔ firi Ofir ba no,+ na ɛde algum nnua+ pii ne aboɔden aboɔ+ nso firi Ofir ba. 12 Ɔhene de algum nnua yɛɛ nnyinasoɔ wɔ Yehowa fie ne ahemfie* hɔ, na ɔde bi nso yɛɛ asankuo ne asankuten maa nnwontofoɔ no.+ Ɛbɛsi nnɛ, algum nnua a ɛte saa bi mmaa da, na wɔnhunuu ɛso bi bio.
13 Ɔhene Solomon nso de deɛ Saba hemmaa pɛ ne deɛ ɔbisaeɛ nyinaa maa no; ɛsono deɛ Ɔhene Solomon ankasa yii ne yam de maa no.* Afei ɔhemmaa no san n’akyi kɔɔ n’asaase so, ɔne ne nkoa.+
14 Afe biara, sika kɔkɔɔ a na Solomon nya no, emu duro yɛ dwetikɛseɛ 666;+ 15 ɛsono deɛ na akwantufoɔ de ba, ne mfasoɔ a na adwadifoɔ no, Arabia ahemfo nyinaa, ne asaase no so amradofoɔ de ba.
16 Ɔhene Solomon de sika kɔkɔɔ a wɔde dadeɛ afra yɛɛ akyɛm akɛseɛ 200+ (ɔde sika kɔkɔɔ a emu duro yɛ nnwetɛbena* 600 guu akyɛm no biara ho),+ 17 na ɔde sika kɔkɔɔ a wɔde dadeɛ afra yɛɛ akyɛm nketewa* 300 (ɔde sika kɔkɔɔ mmɛnnaa* mmiɛnsa guu saa akyɛm no biara ho). Afei ɔhene de guu Lebanon Kwaeɛfie hɔ.+
18 Ɔhene yɛɛ asonse* ahennwa kɛseɛ bi+ nso, na ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa ho nyinaa.+ 19 Stɛps a ɛtoatoa so nsia na na wɔforo kɔ ahennwa no anim; wɔyɛɛ biribi te sɛ apata kurukuruwa wɔ ahennwa no soro. Ná ahennwa no wɔ nsa wɔ ha ne ha, na na wɔayɛ agyata+ mmienu gyinagyina nsa no ho. 20 Agyata 12 gyinagyina stɛps a ɛtoatoa so nsia no so; stɛps biara, mmienu na ɛgyina so. Baako wɔ ano ha, ɛnna baako nso wɔ ano ha. Ná wɔnyɛɛ bi saa da wɔ ahennie biara mu.
21 Deɛ Ɔhene Solomon nom mu nyinaa, wɔde sika kɔkɔɔ na ɛyɛeɛ, na Lebanon Kwaeɛfie+ hɔ nneɛma nyinaa, wɔde sika kɔkɔɔ amapa na ɛyɛeɛ. Wɔamfa dwetɛ anyɛ emu biara, ɛfiri sɛ na dwetɛ nka hwee wɔ Solomon berɛ so.+ 22 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na ɔhene wɔ Tarsis+ ahyɛn pii wɔ po so a ɛne Hiram ahyɛn kɔ kwan so. Mfeɛ mmiɛnsa biara, na Tarsis ahyɛn no de sika kɔkɔɔ ne dwetɛ, asonse,+ nkontromfi, ne piikɔk* ba.
23 Enti sɛ yɛreka ahonyadeɛ ne nyansa a, na asaase so hene biara nto Ɔhene Solomon.+ 24 Nnipa firi asaase so baabiara baa Solomon anim bɛtiee nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ n’akomam no.+ 25 Afe biara, na nkurɔfoɔ de akyɛdeɛ brɛ no: dwetɛ ne sika kɔkɔɔ nneɛma, ntaadeɛ, akodeɛ, balsam ngo, apɔnkɔ, ne mfunumupɔnkɔ.
26 Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ* ano, na ɔnyaa nteaseɛnam 1,400 ne apɔnkɔ* 12,000,+ na ɔde kɔɔ nteaseɛnam nkuro mu, na na ɛhɔ bɛn ɔhene wɔ Yerusalem.+
27 Ɔhene maa dwetɛ dɔɔso wɔ Yerusalem sɛ aboɔ, na ɔmaa sida nnua dɔɔso sɛ sikamɔɔ nnua a ɛwɔ Sefela.+
28 Solomon apɔnkɔ no, wɔkra firii Egypt; ná ɔhene adwadifoɔ no kɔtɔ apɔnkɔ* no akuakuo tua boɔ a wɔatwa ato so.+ 29 Nteaseɛnam a wɔkra firii Egypt no, na ebiara boɔ yɛ nnwetɛbena 600, na pɔnkɔ nso boɔ yɛ nnwetɛbena 150. Ná wɔn nso kɔtɔn ma Hitifoɔ+ ahemfo ne Siria ahemfo.