-
2 Berɛsosɛm 9:17-19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 Ɔhene yɛɛ asonse* ahennwa kɛseɛ bi nso, na ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa ho nyinaa.+ 18 Stɛps a ɛtoatoa so nsia na na wɔforo kɔ ahennwa no anim; wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nan ntiasoɔ bɔɔ ahennwa no anim. Ná ahennwa no wɔ nsa wɔ ha ne ha, na na wɔayɛ agyata mmienu+ gyinagyina nsa no ho. 19 Agyata 12+ gyinagyina stɛps a ɛtoatoa so nsia no so; stɛps biara, mmienu na ɛgyina so. Baako wɔ ano ha, ɛnna baako nso wɔ ano ha. Ná wɔnyɛɛ bi saa da wɔ ahennie biara mu.
-