5 Deɛ Yehowa aka nie:
“Nnome nka ɔbarima a ɔde ne ho to onipa dasani so,+
Deɛ ɔde ne ho to nnipa ahoɔden so,+
Na n’akoma amane afiri Yehowa ho.
6 Ɔbɛyɛ sɛ dua korɔ a ɛsi serɛ so.
Sɛ berɛ pa ba a, ɔrenhunu,
Mmom ɔbɛtena serɛ so asaase wesee so,
Ne nkyene asaase a obiara ntumi ntena soɔ so.