-
Leviticus 3:14-16Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Ɛfã a ɔde bɛyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no ne sradeɛ a ɛkata ne yam adeɛ ho, nsono no ho sradeɛ nyinaa,+ 15 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho. 16 Ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so. Wei yɛ aduane,* afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye. Sradeɛ no nyinaa yɛ Yehowa dea.+
-