-
1 Samuel 2:15-17Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Bio nso, berɛ a wɔnnya nhyee sradeɛ+ no, asɔfoɔ no asomfoɔ ba, na wɔbɛka kyerɛ deɛ ɔrebɔ afɔreɛ no sɛ: “Ma me nam na wɔntoto mma ɔsɔfoɔ; ɔmpɛ nam a wɔanoa, nammono mmom na ɔpɛ.” 16 Nanso sɛ onii no ka kyerɛ no sɛ: “Ma yɛnni kan nhye sradeɛ+ no ansa, na ɛno akyi no wobɛtumi afa deɛ wopɛ* biara” a, ɔka sɛ: “Daabi, fa ma me seesei ara; anyɛ saa a, me ara mɛfa!” 17 Enti, na wɔn* bɔne so paa wɔ Yehowa ani so,+ ɛfiri sɛ mmarima no buu Yehowa afɔrebɔdeɛ animtia.
-