-
Hesekiel 8:11, 12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 Ná Israel fie mpanimfoɔ 70 a Safan+ ba Yaasania ka wɔn ho gyinagyina fasuo no anim. Ná obiara kura adeɛ a wɔhye aduhwam wom, na na aduhwam no wisie reforo kɔ soro.+ 12 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahunu deɛ Israel fie mpanimfoɔ no reyɛ wɔ sum mu? Obiara hyɛ pia mu, baabi a n’abosom wɔ. Deɛ wɔka ne sɛ, ‘Yehowa nhu yɛn. Yehowa agya asaase no hɔ.’”+
-