21 Ɔhene akoma te sɛ asubɔnten wɔ Yehowa nsam.+
Baabi a Ɔpɛ biara na Ɔdane kɔ.+
2 Onipa akwan nyinaa yɛ papa wɔ n’ani so,+
Nanso Yehowa na ɔhwehwɛ akoma mu.+
3 Sɛ obi yɛ adetenenee na ɔyɛ deɛ ɛtene a,
Ɛsɔ Yehowa ani sene afɔrebɔ.+
4 Ahantan ani ne ahantan akoma,
Ɛno ne kanea a ɛkyerɛ abɔnefoɔ kwan; ne nyinaa yɛ bɔne.+
5 Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ bɛwie yie,+
Na obiara a ɔpere ne ho deɛ, ohia na ɛbɛhia no.+
6 Agyapadeɛ a wɔde atorɔ kɛtrɛma nya no,
Ɛte sɛ ntutuo a ɛhu kɔ; ɛyɛ fidie a ɛdi awuo.+
7 Abɔnefoɔ awudisɛm na ɛbɛpra wɔn akɔ,+
Ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔde atɛntenenee yɛ adwuma.
8 Ɔbarima a ɔdi fɔ no, ne kwan akyea,
Na ɔteneneeni deɛ, ne nnwuma tene.+
9 Ɛyɛ sɛ wobɛtena mmantwea baabi wɔ ɛdan atifi,
Sene sɛ wo ne ɔyere a ɔpɛ ntɔkwa bɛtena efie baako mu.+
10 Ɔbɔnefoɔ kɔn dɔ bɔne;+
Ɔnhu ne yɔnko mmɔbɔ.+
11 Sɛ wɔtwe fɛdifoɔ aso a, ogyimifoɔ sua nyansa,
Na sɛ onyansafoɔ nya nhunumu a, ɔnya nimdeɛ.+
12 Ɔteneneeni No hwɛ ɔbɔnefoɔ fie;
Ɔtu abɔnefoɔ ase ma wɔsɛe.+
13 Obiara a mmɔborɔwafoɔ su a, ɔsisi n’aso no,
Ɔno nso bɛfrɛ, na wɔrennye no so.+
14 Akyɛdeɛ a wɔde ma wɔ kokoam dwodwo abufuo,+
Na adanmudeɛ a wɔde ma wɔ ahintaeɛ mu dwodwo abufuhyeɛ.
15 Ɛyɛ anigye ma ɔteneneeni sɛ ɔde atɛntenenee bɛyɛ adwuma,+
Na abɔnefoɔ deɛ, ɛyɛ biribi a ɛyɛ hu ma wɔn.
16 Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan so no,
Ɔbɛhome wɔ awufoɔ asafo mu, wɔn a wɔntumi nyɛ hwee no.+
17 Deɛ ɔpɛ anigyeɛ no, ɛbɛhia no;+
Na deɛ ɔpɛ nsã na n’ani gye ngo ho no, ɔrennya sika.
18 Wɔde ɔbɔnefoɔ bɛyɛ agyedeɛ ama ɔteneneeni,
Na wɔde nkontomponi bɛsi ɔteneneeni anan.+
19 Ɛyɛ sɛ wobɛtena serɛ so
Sene sɛ wo ne ɔyere gyegyefoɔ a ɔpɛ ntɔkwa bɛtena.+
20 Agyapadeɛ a ɛsom bo ne ngo wɔ onyansafoɔ fie,+
Na kwasea deɛ, ɔbɛsɛe deɛ ɔwɔ.+
21 Obiara a ɔhwehwɛ tenenee ne ɔdɔ a ɛnni hwammɔ no,
Ɔbɛnya nkwa ne tenenee ne animuonyam.+
22 Onyansafoɔ bɛtumi aforo akatakyie kuro
Na wakɔsɛe ahoɔden a wɔde wɔn ho ato so no.+
23 Deɛ ɔhwɛ n’ano ne ne kɛtrɛma yie no,
Ɔyi ne ho firi ɔhaw mu.+
24 Ɔhantanni a abufuo ahyɛ no ma no,
Wɔbɛfrɛ no ɔhantanni a ɔhoahoa ne ho a ɔdwa n’anom.+
25 Ɔkwadwofoɔ akɔnnɔdeɛ na ɛbɛku no,
Ɛfiri sɛ ɔmfa ne nsa nyɛ adwuma.+
26 Daa nyinaa n’ani bere adeɛ papaapa.
Ɔteneneeni deɛ, ɔkyɛ adeɛ, na ɔmfa hwee nkame obiara.+
27 Abɔnefoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ.+
Na sɛ adwemmɔne bata ho deɛ a, ɛnyɛ koraa!
28 Deɛ ɔdi adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ no, ɔbɛyera,+
Na onipa a ɔtie asɛm no, n’adanseɛ bɛgyina.
29 Ɔbɔnefoɔ yɛ n’anim sɛ ɔwɔ akokoɔduro ara ma,+
Nanso ɔteneneeni na n’akwan bɛwie yie.+
30 Nyansa ne nhunumu ne afotuo biara nni hɔ a ɛbɛtumi ne Yehowa adi asie.+
31 Wɔsiesie pɔnkɔ ma ɛko da,+
Nanso Yehowa na nkwagyeɛ yɛ ne dea.+