7 Ɛnna ɔde yɛɛ anwensɛm kaa sɛ:+
“Moab hene Balak abɛfa me afiri Aram,+
Ɔde me firi apueeɛ fam mmepɔ so aba sɛ:
‘Bra bɛdome Yakob ma me.
Aane, bra bɛbɔ Israel dua.’+
8 Wɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn no, ɛbɛyɛ dɛn na madome wɔn?
Na wɔn a Yehowa mmɔɔ wɔn dua no, ɛbɛyɛ dɛn na mabɔ wɔn dua?+