Yesaia
2 Deɛ Amus ba Yesaia huu no wɔ Yuda ne Yerusalem ho nie:+
3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ:
“Mommra mma yɛmforo nkɔ Yehowa bepɔ so,
Nkɔ Yakob Nyankopɔn fie.+
4 Ɔbɛbu atɛn wɔ amanaman no mu,
Na ɔbɛsiesie nsɛm ama aman pii.
Ɔman bi rentwe sekan wɔ ɔman bi so,
Na wɔrensua akodie bio.+
Ɛfiri sɛ Apueeɛ nneɛma ahyɛ wɔn ma;
Wɔdi asumansɛm+ te sɛ Filistifoɔ,
Na ahɔhoɔ* mma abu so wɔ wɔn mu.
7 Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ahyɛ wɔn asaase so ma,
Na wɔn agyapadeɛ nni ano.
Apɔnkɔ ahyɛ wɔn asaase so ma,
Na wɔn nteaseɛnam nni ano.+
8 Anyamehunu* ahyɛ wɔn asaase so ma.+
Wɔkoto wɔn ankasa nsa ano adwuma,
Adeɛ a wɔde wɔn ankasa nsateaa ayɛ.
9 Enti onipa agu ne ho anim ase, wɔbɛbrɛ no ase,
Na worentumi mfa nkyɛ wɔn.
10 Monkɔhyɛ ɔbotan mu na momfa mo ho nsie mfuturo mu,
Yehowa ho hu,
N’animuonyam, ne ne kɛseyɛ a ɛnni ano nti.+
Yehowa nko ara na wɔbɛma ne so saa da no.
Ɛbɛba obiara a ɔyɛ ahantan ne ahomasoɔ* so,
Ɛbɛba obiara so, deɛ wɔama ne so ne deɛ wɔabrɛ no ase nyinaa.+
13 Ɛbɛba Lebanon sida nnua atenten kokuroo nyinaa,
Ne Basan adum nyinaa so.
14 Ɛbɛba mmepɔ atenten nyinaa,
Ne nkokoɔ atenten nyinaa so.
15 Ɛbɛba abantenten nyinaa ne afasuo denden nyinaa so,
16 Ɛbɛba Tarsis ahyɛn+ nyinaa,
Ne akodoɔ fɛfɛɛfɛ nyinaa so.
17 Wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase,
Na nnipa ahomasoɔ bɛba fam.*
Yehowa nko ara na wɔbɛma ne so saa da no.
18 Na anyamehunu no bɛyera koraa.+
19 Sɛ Yehowa keka ne ho na ɔwoso asaase a,
Ne ho hu,
N’animuonyam, ne ne kɛseyɛ a ɛnni ano+ nti,
Nnipa bɛkɔ akɔhyehyɛ abodan*
Ne asaase mu ntokuro mu.+
20 Saa da no, nnipa bɛfa wɔn dwetɛ ne sika kɔkɔɔ anyamehunu
A wɔayɛ ama wɔn ho sɛ wɔbɛkoto wɔn no,
Na wɔato agu ama fiamo* ne apan,+
21 Na wɔakɔhyɛ abotan mu ntokuro
Ne abodan mu,
Yehowa ho hu,
N’animuonyam, ne ne kɛseyɛ a ɛnni ano nti,
Berɛ a ɔbɛkeka ne ho na wawoso asaase no.
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wobu ne ho akonta?