4 Awieeɛ nna no mu no,
Yehowa fie bepɔ+
Bɛtim wɔ mmepɔ atifi,
Na wɔbɛma so asene nkokoɔ,
Na amanaman bɛsene yuu akɔ hɔ.+
2 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ:
“Mommra mma yɛmforo nkɔ Yehowa bepɔ so,
Nkɔ Yakob Nyankopɔn fie.+
Ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan,
Na yɛbɛnante n’akwan so.”
Na Sion na mmara bɛfire,
Na Yerusalem na Yehowa asɛm bɛfire.
3 Ɔbɛbu atɛn wɔ aman pii mu,+
Na ɔbɛsiesie nsɛm ama aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri.
Wɔde wɔn mfena bɛyɛ nsɔ,
Na wɔde wɔn mpea ayɛ kantankrankyi.+
Ɔman bi rentwe sekan wɔ ɔman bi so,
Na wɔrensua akodie bio.+