11 “Enti afei me ba, Yehowa nni w’akyi na ɛnsi wo yie, na si Yehowa wo Nyankopɔn fie no sɛdeɛ ɔka faa wo ho no.+12 Sɛ Yehowa ma wodi Israel so a, ɔmma wo nhunumu ne nteaseɛ+ a wode bɛdi Yehowa wo Nyankopɔn mmara so.+
19 Na me ba Solomon nso, ma no akoma a ɛdi mu,+ na ɔnni wo mmara nsɛm,+ wo nkaesɛm, ne w’ahyɛdeɛ so; ɔnyɛ ne nyinaa na ɔnsi asɔrefie* a maboaboa ho nneɛma ano asie no.”+
5 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma tenenee dua bi afefɛ* ama Dawid.+ Na ɔhene bi bɛdi hene+ na ɔde nhunumu bɛyɛ adeɛ; ɔbɛbu atɛntenenee na wayɛ adetenenee wɔ asaase no so.+