Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Berɛsosɛm 29
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Wɔyii ntoboa boaa asɔrefie no sie (1-9)

      • Dawid mpaebɔ (10-19)

      • Ɔman no ani gyeeɛ; Solomon ahennie (20-25)

      • Dawid wui (26-30)

1 Berɛsosɛm 29:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔyɛ mmerɛ.”

  • *

    Anaa “abankɛseɛ; fikɛseɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 28:5
  • +1Ah 3:7
  • +2Be 2:4

1 Berɛsosɛm 29:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 22:3, 16
  • +1Be 22:4, 14

1 Berɛsosɛm 29:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 26:8; 27:4; 122:1
  • +1Be 21:24

1 Berɛsosɛm 29:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hio 28:16

1 Berɛsosɛm 29:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 35:5

1 Berɛsosɛm 29:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 18:25
  • +1Be 27:25, 29, 31

1 Berɛsosɛm 29:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Darik yɛ Persiafoɔ sika a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ. Hwɛ Nkh. B14.

1 Berɛsosɛm 29:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 6:1
  • +1Be 26:22

1 Berɛsosɛm 29:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 9:7

1 Berɛsosɛm 29:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.”

1 Berɛsosɛm 29:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mmaninyɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 145:3; 1Ti 1:17
  • +Adi 5:13
  • +1Be 16:27; Dw 8:1
  • +Dw 24:1; Yes 42:5
  • +Dw 103:19; Mt 6:10

1 Berɛsosɛm 29:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 8:18; Mme 10:22; Flp 4:19
  • +2Be 20:6
  • +De 3:24; Yes 40:26; Efe 1:19; Adi 15:3
  • +2Be 1:11, 12; 16:9; Dw 18:32; Yes 40:29

1 Berɛsosɛm 29:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:23; Heb 11:13
  • +Hio 14:1, 2; Yak 4:13, 14

1 Berɛsosɛm 29:17

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔnante tenenee mu; ɔnante teeyɛ mu.”

  • *

    Anaa “komam teeyɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 28:9
  • +Mme 11:20; 15:8; Heb 1:9

1 Berɛsosɛm 29:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 10:17; 86:11

1 Berɛsosɛm 29:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “abankɛseɛ; fikɛseɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mr 12:30
  • +1Ah 6:12
  • +1Be 22:14

1 Berɛsosɛm 29:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 1:3
  • +Le 23:12, 13; Nu 15:5
  • +1Ah 8:63, 64

1 Berɛsosɛm 29:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:7; 2Be 7:10; Ne 8:12
  • +1Ah 1:38-40; 1Be 23:1
  • +1Ah 2:35

1 Berɛsosɛm 29:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 28:5

1 Berɛsosɛm 29:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 22:17
  • +1Be 28:1
  • +1Be 3:1-9

1 Berɛsosɛm 29:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:12; 2Be 1:1, 12; Ɔsɛ 2:9

1 Berɛsosɛm 29:27

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Nna.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 2:11
  • +2Sa 5:4, 5

1 Berɛsosɛm 29:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 1:1
  • +1Ah 2:10-12

1 Berɛsosɛm 29:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 7:2; 12:1
  • +1Be 21:9, 10

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Be. 29:11Be 28:5
1 Be. 29:11Ah 3:7
1 Be. 29:12Be 2:4
1 Be. 29:21Be 22:3, 16
1 Be. 29:21Be 22:4, 14
1 Be. 29:3Dw 26:8; 27:4; 122:1
1 Be. 29:31Be 21:24
1 Be. 29:4Hio 28:16
1 Be. 29:5Ex 35:5
1 Be. 29:6Ex 18:25
1 Be. 29:61Be 27:25, 29, 31
1 Be. 29:81Be 6:1
1 Be. 29:81Be 26:22
1 Be. 29:92Ko 9:7
1 Be. 29:11Dw 145:3; 1Ti 1:17
1 Be. 29:11Adi 5:13
1 Be. 29:111Be 16:27; Dw 8:1
1 Be. 29:11Dw 24:1; Yes 42:5
1 Be. 29:11Dw 103:19; Mt 6:10
1 Be. 29:12De 8:18; Mme 10:22; Flp 4:19
1 Be. 29:122Be 20:6
1 Be. 29:12De 3:24; Yes 40:26; Efe 1:19; Adi 15:3
1 Be. 29:122Be 1:11, 12; 16:9; Dw 18:32; Yes 40:29
1 Be. 29:15Le 25:23; Heb 11:13
1 Be. 29:15Hio 14:1, 2; Yak 4:13, 14
1 Be. 29:171Be 28:9
1 Be. 29:17Mme 11:20; 15:8; Heb 1:9
1 Be. 29:18Dw 10:17; 86:11
1 Be. 29:19Mr 12:30
1 Be. 29:191Ah 6:12
1 Be. 29:191Be 22:14
1 Be. 29:21Le 1:3
1 Be. 29:21Le 23:12, 13; Nu 15:5
1 Be. 29:211Ah 8:63, 64
1 Be. 29:22De 12:7; 2Be 7:10; Ne 8:12
1 Be. 29:221Ah 1:38-40; 1Be 23:1
1 Be. 29:221Ah 2:35
1 Be. 29:231Be 28:5
1 Be. 29:241Be 22:17
1 Be. 29:241Be 28:1
1 Be. 29:241Be 3:1-9
1 Be. 29:251Ah 3:12; 2Be 1:1, 12; Ɔsɛ 2:9
1 Be. 29:272Sa 2:11
1 Be. 29:272Sa 5:4, 5
1 Be. 29:281Ah 1:1
1 Be. 29:281Ah 2:10-12
1 Be. 29:292Sa 7:2; 12:1
1 Be. 29:291Be 21:9, 10
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
1 Berɛsosɛm 29:1-30

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan

29 Ɛnna Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: “Me ba Solomon a Onyankopɔn ayi no+ no yɛ abɔfra a ne ho nkokwaeɛ,*+ nanso adwuma no so, ɛfiri sɛ asɔrefie* no nyɛ onipa deɛ, na mmom Yehowa Nyankopɔn deɛ.+ 2 Deɛ m’ahoɔden bɛtumi biara, maboaboa ano asie ama me Nyankopɔn fie no; sika kɔkɔɔ a wɔde bɛyɛ sika kɔkɔɔ nnwuma, dwetɛ a wɔde bɛyɛ dwetɛ nnwuma, kɔbere a wɔde bɛyɛ kɔbere nnwuma, nnadeɛ a wɔde bɛyɛ nnadeɛ nnwuma,+ nnua a wɔde bɛyɛ nnua nnwuma;+ abohene tuntum, nhyehyɛmu aboɔ, aboɔ fɛfɛ a wɔde di adwini, aboɔden aboɔ nyinaa, ne alabasta aboɔ pii. 3 Afei nso, me Nyankopɔn fie a m’ani gye ho nti,+ me ara mede me sika kɔkɔɔ ne me dwetɛ nso aka ho ama me Nyankopɔn fie; mede aka biribiara a maboaboa ano asie+ ama efie kronkron no ho. 4 Deɛ ɛka ho ne Ofir sika kɔkɔɔ+ dwetikɛseɛ* 3,000, ne dwetɛ a wɔayiyi mu dwetikɛseɛ 7,000 a wɔde bɛdura adan no afasuo ho; 5 sika kɔkɔɔ a wɔde bɛyɛ sika nnwuma, dwetɛ a wɔde bɛyɛ dwetɛ nnwuma, ne deɛ adwumfoɔ de bɛyɛ wɔn nsa ano adwuma nyinaa. Afei, hwan na wayi ne yam sɛ ɛnnɛ, ɔbɛkyɛ Yehowa adeɛ?”+

6 Ɛnna agyanom abusuafie mpanimfoɔ ne Israel mmusuakuo mpanimfoɔ ne apem apem ne ɔhaha so+ ahwɛfoɔ ne mpanimfoɔ a wɔhwɛ ɔhene nnwuma so+ no yii wɔn yam de biribi baeɛ. 7 Enti deɛ wɔde bɛboaa nokorɛ Nyankopɔn fie som adwuma nie: sika kɔkɔɔ no yɛ dwetikɛseɛ 5,000, darik* 10,000, dwetɛ no yɛ dwetikɛseɛ 10,000, kɔbere dwetikɛseɛ 18,000, ne dadeɛ dwetikɛseɛ 100,000. 8 Obiara a ɔwɔ aboɔden aboɔ no, ɔde bɛkaa Yehowa fie akoradeɛ no ho, na wɔde hyɛɛ Gersonni+ Yehiel+ nsa. 9 Ɔman no dii ahurisie sɛ wɔde ayamyɛ afɔreɛ baeɛ, ɛfiri sɛ akoma nyinaa mu na wɔfiri yii ntoboa maa Yehowa;+ na Ɔhene Dawid nso dii ahurisie kɛse.

10 Ɛnna Dawid hyiraa Yehowa wɔ badwa no nyinaa anim. Dawid kaa sɛ: “O Yehowa, wone yɛn agya Israel Nyankopɔn; ayeyie nka wo daa daa.* 11 O Yehowa, wo na kɛseyɛ+ ne tumi+ ne animuonyam ne hyerɛn ne anidie* wɔ wo;+ na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asaase so nyinaa yɛ wo dea.+ O Yehowa, wo na ahennie wɔ wo,+ na wo nso na woakyerɛ sɛ wokorɔn sene adeɛ nyinaa. 12 Wo nkyɛn na ahonya ne animuonyam fire,+ na wodi adeɛ nyinaa so;+ wo na tumi ne kɛseyɛ wɔ wo nsam,+ na obiara kɛseyɛ ne n’ahoɔden wɔ wo nsam.+ 13 Afei yɛn Nyankopɔn, yɛda wo ase, na wo din a ɛwɔ animuonyam no, yɛyi no ayɛ.

14 “Anka me ne hwan, na me man nso yɛ deɛn a yɛanya kwan afiri yɛn pɛ mu ayi ntoboa sɛɛ? Wo na adeɛ nyinaa wɔ wo, enti deɛ yɛde ama wo biara, wo nsam na ɛfire. 15 Yɛn deɛ, yɛyɛ ahɔhoɔ ne atubrafoɔ wɔ w’anim te sɛ yɛn agyanom nyinaa.+ Yɛn nkwa nna wɔ asaase so te sɛ sunsum,+ na anidasoɔ nnim. 16 O Yehowa yɛn Nyankopɔn, nneɛma bebree a yɛaboaboa ano de rebɛsi efie ama wo din kronkron yi nyinaa, wo nsam na ɛfire, na ne nyinaa wɔ wo. 17 O me Nyankopɔn, menim sɛ wohwehwɛ akomam,+ na deɛ n’abrabɔ di mu* na ɔsɔ w’ani.+ Me deɛ, akoma a emu teɛ* mu na mayi me yam de nneɛma yi nyinaa aba, na wo man a wɔwɔ ha yi nso, wɔayi wɔn yam de nneɛma abɛboa ama m’ani agye aboro so. 18 O Yehowa, yɛn agyanom Abraham, Isak, ne Israel Nyankopɔn, ma adwene ne akoma pa a wo man anya no ntena hɔ daa, na kyerɛ wɔn akoma kwan bra wo nkyɛn.+ 19 Na me ba Solomon nso, ma no akoma a ɛdi mu,+ na ɔnni wo mmara nsɛm,+ wo nkaesɛm, ne w’ahyɛdeɛ so; ɔnyɛ ne nyinaa na ɔnsi asɔrefie* a maboaboa ho nneɛma ano asie no.”+

20 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: “Monyi Yehowa mo Nyankopɔn ayɛ.” Na badwa no nyinaa bɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuu fam wɔ Yehowa ne ɔhene anim, na wɔyii wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa ayɛ. 21 Adeɛ kyeeɛ no, wɔtoaa so de nneɛma bɔɔ afɔreɛ maa Yehowa, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ maa Yehowa;+ wɔde anantwinini nkumaa 1,000, adwennini 1,000, adwennini nkumaa 1,000 ne ɛho afɔrebɔ nsã;+ wɔbobɔɔ afɔreɛ pii maa Israel nyinaa.+ 22 Saa da no, wɔde anigyeɛ kɛseɛ didi nom wɔ Yehowa anim,+ ɛnna wɔsan sii Dawid ba Solomon hene, na wɔsraa no sɛ ɔkannifoɔ+ wɔ Yehowa anim, na Sadok nso, wɔhyɛɛ no sɔfoɔ.+ 23 Ɛnna Solomon dii ne papa Dawid adeɛ, na ɔtenaa Yehowa ahennwa so+ dii hene; ɛsii no yie, na Israelfoɔ nyinaa yɛɛ ɔsetie maa no. 24 Mpanimfoɔ+ ne akatakyie+ no ne Ɔhene Dawid mma no nyinaa+ nso brɛɛ wɔn ho ase maa Ɔhene Solomon. 25 Na Yehowa maa Solomon yɛɛ kɛseɛ paa wɔ Israel nyinaa ani so, na ɔmaa no nyaa animuonyam n’ahennie mu, na ahemfo a wɔdii n’anim baeɛ mu biara annya bi saa wɔ Israel.+

26 Enti Yese ba Dawid dii Israel nyinaa so hene, 27 na mfeɛ* dodoɔ a ɔde dii Israel so hene no si mfeɛ 40. Ɔtenaa Hebron dii adeɛ mfeɛ 7,+ na ɔtenaa Yerusalem nso dii adeɛ mfeɛ 33.+ 28 Ɔnyini bɔɔ akɔkoraa,+ na ɔdii nna meeɛ ansa na ɔrewu; ɔnyaa ahonyadeɛ ne animuonyam pii, na ne ba Solomon bɛdii n’adeɛ.+ 29 Ɔhene Dawid ho nsɛm nyinaa, ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ ɔdehwɛfoɔ Samuel, odiyifoɔ Natan,+ ne ɔdehunufoɔ Gad+ nsɛm no mu; 30 nsɛm a ɛwom no bi nso ne n’ahennie ho nsɛm nyinaa, ne kɛseyɛ, nsɛm a ɛsisii ne berɛ so, ne deɛ ɛsisii Israel ne ahennie a atwa ne ho ahyia nyinaa mu.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane