18 Ma no mfa mogya no bi nsosɔ afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no mmɛn no ho wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu. Afei ɔnhwie nantwie no mogya a aka nyinaa ngu afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no ase. Saa afɔrebukyia yi na ɛsi ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano no.+