Leviticus
4 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ obi* ani nna ne ho so na ɔkɔyɛ nneɛma a Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi a,+ ɛho asɛm nie:
3 “‘Sɛ ɔsɔfoɔ a wɔasra no+ yɛ bɔne bi+ na ɛma ɔman no di fɔ a, ɛnneɛ ɔmfa nantwinini kumaa a ɔte apɔ mmɔ ne bɔne no ho afɔreɛ mma Yehowa.+ 4 Ma no mfa nantwie no mmra ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano+ wɔ Yehowa anim, na ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na ɔnku no wɔ Yehowa anim.+ 5 Ma ɔsɔfoɔ a wɔasra no no+ mfa nantwie no mogya no bi mmra ahyiaeɛ ntomadan no mu. 6 Afei ma ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu+ wɔ kronkronbea no ntwamutam no anim, na ɔmpete mogya no bi mprɛ nson+ wɔ Yehowa anim. 7 Aduhwam afɔrebukyia a ɛwɔ Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no, ma ɔsɔfoɔ no mfa mogya no bi nsosɔ ne mmɛn no ho.+ Afei ɔnhwie nantwie no mogya a aka nyinaa ngu afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no ase.+ Saa afɔrebukyia yi na ɛsi ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano no.
8 “‘Ma no nyi nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no sradeɛ a ɛkata ne yam adeɛ ho, nsono no ho sradeɛ nyinaa, 9 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Afei ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+ 10 Monyɛ no sɛdeɛ moyɛ nantwie a wɔde bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no.+ Ma ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no so.
11 “‘Nanso nantwinini no nwoma, ne nam nyinaa, ne ti, ne nan, ne nsono, ne ne bini,+ 12 kyerɛ sɛ, deɛ aka wɔ nantwie no ho nyinaa deɛ, ma no mfa nkɔ asoɛeɛ no akyi baabi a ɛhɔ te a wɔto nsõ* gu no, na ɔmfa ngu anyina so nhye ne nyinaa.+ Baabi a wɔto nsõ gu no, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ ɔhye no.
13 “‘Afei sɛ Israel asafo no ani nna wɔn ho so na wɔfom kɔyɛ deɛ Yehowa aka sɛ mma wɔnnyɛ no bi, na ɛma wɔn nyinaa di fɔ,+ 14 na sɛ wɔbɛhu sɛ wɔayɛ bɔne a, ma asafo no mfa nantwinini kumaa baako mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛbɔ bɔne ho afɔreɛ. 15 Ma mpanimfoɔ a wɔwɔ badwa no mu mfa wɔn nsa ngu nantwie no apampam wɔ Yehowa anim mma wɔnkum nantwie no wɔ Yehowa anim.
16 “‘Afei ɔsɔfoɔ a wɔasra no no mfa nantwie no mogya no bi mmra ahyiaeɛ ntomadan no mu. 17 Ma ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu wɔ kronkronbea no ntwamutam+ no anim, na ɔmpete mogya no bi mprɛ nson wɔ Yehowa anim. 18 Ma no mfa mogya no bi nsosɔ afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no mmɛn no ho wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu. Afei ɔnhwie nantwie no mogya a aka nyinaa ngu afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no ase. Saa afɔrebukyia yi na ɛsi ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano no.+ 19 Ma no nyi ne sradeɛ nyinaa na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so.+ 20 Ɔnyɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ nantwinini baako a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no. Saa na ɔbɛyɛ no ama ɔsɔfoɔ no de apata ama wɔn,+ na wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. 21 Ma no mfa nantwie no nkɔ asoɛeɛ no akyi nkɔhye no sɛdeɛ ɔhyee nantwie a ɔdi kan no.+ Ɛyɛ asafo no bɔne ho afɔreɛ.+
22 “‘Sɛ mpanimfoɔ+ no bi ani nna ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a ne Nyankopɔn Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi ma no di fɔ, 23 anaa sɛ ɔbɛhu sɛ wato mmara a, ɛnneɛ ɔmfa apɔnkyenini kumaa a ɔte apɔ mmɛbɔ afɔreɛ. 24 Ma no mfa ne nsa nto apɔnkyenini no apampam na ɔnku no wɔ faako a wɔkum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no wɔ Yehowa anim no.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ. 25 Ma ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no mogya mu, na ɔmfa nsosɔ afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no mmɛn ho.+ Afei ɔnhwie mogya a aka no ngu afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no ase.+ 26 Ma no nhye ne sradeɛ no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so sɛdeɛ ɔyɛ aboa a wɔde no bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no sradeɛ no.+ Ɔsɔfoɔ no mfa mpata mma ne bɔne, na wɔde bɛkyɛ no.
27 “‘Sɛ obi* wɔ asaase no so na n’ani nna ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi na ɔdi fɔ,+ 28 anaa sɛ ɔbɛhu sɛ wayɛ bɔne a, ɛnneɛ ɔmfa apɔnkyebedeɛ kumaa a ɔte apɔ mmɛbɔ ne bɔne ho afɔreɛ. 29 Ma no mfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no apampam na ɔnku no wɔ faako a wɔkum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no.+ 30 Ma ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu, na ɔmfa nsosɔ afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no mmɛn ho. Afei ɔnhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔrebukyia no ase.+ 31 Ma no nyi ne sradeɛ no nyinaa+ sɛdeɛ ɔyii aboa a ɔde bɔɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no sradeɛ no.+ Afei ma ɔsɔfoɔ no mfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* wɔ afɔrebukyia no so mma Yehowa, na ɔsɔfoɔ no mfa mpata mma no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.
32 “‘Sɛ aboa a ɔde rebɛbɔ afɔreɛ no yɛ odwan ba a, ma no mfa ɔbedeɛ kumaa a ɔte apɔ mmra. 33 Ma no mfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no apampam, na ɔnku no mfa mmɔ bɔne ho afɔreɛ wɔ faako a wɔkum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no.+ 34 Ma ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no mogya mu, na ɔmfa nsosɔ afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no mmɛn ho.+ Afei ɔnhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔrebukyia no ase. 35 Ɔnyi ne sradeɛ nyinaa sɛdeɛ wɔde odwennini kumaa rebɔ asomdwoeɛ afɔreɛ a wɔyi ne sradeɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye wɔ afɔrebukyia no so wɔ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no so.+ Ma ɔsɔfoɔ no mfa mpata mma ne bɔne, na wɔde bɛkyɛ no.+