-
Leviticus 3:3-5Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Aboa a ɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no, ɔnyi n’afã a ɛdidi so yi mfa nyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa:+ sradeɛ+ a ɛkata ne yam adeɛ ho, nsono no ho sradeɛ nyinaa, 4 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+ 5 Ma Aaron mma no nhye no afɔrebukyia no so nka ɔhyeɛ afɔreɛ a aka no ho. Wɔnhye no egya no so.+ Ɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa.+
-