-
Leviticus 7:1-4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 “‘Afɔdie afɔreɛ no ho mmara nie:+ Ɛyɛ ade kronkron paa. 2 Baabi a wɔkum aboa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no, ɛhɔ ara na wɔbɛkum aboa a wɔde no bɛbɔ afɔdie afɔreɛ no, na wɔde ne mogya+ bɛpete afɔrebukyia no so ahyia.+ 3 Ma ɔsɔfoɔ no* nyi ne sradeɛ nyinaa,+ ne dua a adɔre sradeɛ no, ne ne nsono ho sradeɛ, 4 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+
-