-
Leviticus 7:23-25Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
23 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Monnni nantwie anaa odwan ba anaa apɔnkye sradeɛ+ biara. 24 Sɛ mokɔto sɛ aboa bi awu anaasɛ aboa foforɔ aku no a, mobɛtumi de ne sradeɛ ayɛ biribiara a mopɛ, nanso monhwɛ na moanni bi da.+ 25 Sɛ obi de aboa reba ama wɔde gya ahye abɔ afɔreɛ ama Yehowa, na sɛ ɔdi ne sradeɛ a, wɔnku saa onipa no.*
-
-
1 Ahemfo 8:64Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
64 Saa da no, ɔhene yɛɛ Yehowa fie anim adihɔ no mfimfini hɔ kronkron, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ no, na asomdwoeɛ afɔreɛ ho sradeɛ no nso, ɛhɔ na na ɔbɛhye no; deɛ enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, kɔbere afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no, na ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ ho sradeɛ+ a wɔrebɛhye no nyinaa renkɔ so.
-