25 Ma ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no mogya mu, na ɔmfa nsosɔ afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no mmɛn ho.+ Afei ɔnhwie mogya a aka no ngu afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no ase.+
18 “Afei ɔmmra afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no ho na ɔmpata mma afɔrebukyia no. Ɔmfa nantwinini ne apɔnkyenini mogya no bi nyɛ afɔrebukyia no mmɛn no biara ho.