8 Ntɛm ara na Aaron kɔɔ afɔrebukyia no ho kɔkum nantwie ba a ɔde rebɛbɔ ne bɔne ho afɔreɛ no.+9 Ɛnna Aaron mma no de mogya+ no brɛɛ no, na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya no mu sosɔɔ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔhwiee mogya a aka no guu afɔrebukyia no ase.+
18 “Afei ɔmmra afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no ho na ɔmpata mma afɔrebukyia no. Ɔmfa nantwinini ne apɔnkyenini mogya no bi nyɛ afɔrebukyia no mmɛn no biara ho.