-
Leviticus 8:14, 15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Afei ɔde nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no baeɛ, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu nantwie no apampam.+ 15 Mose kum aboa no na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya+ no mu de sosɔɔ afɔrebukyia no mmɛn no biara ho de dwiraa afɔrebukyia no ho.* Afei ɔhwiee mogya a aka no guu afɔrebukyia no ase de dwiraa ho na wɔatumi abɔ afɔreɛ wɔ so de apata bɔne.
-