13 Afei sradeɛ+ a ɛwowɔ aboa no nsono ne ne mmerɛboɔ ho, ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ no, yiyi na hye wɔ afɔrebukyia no so.+14 Nantwie no nam, ne nwoma, ne ne bini deɛ, fa egya hye wɔ asoɛeɛ no akyi. Wei yɛ bɔne ho afɔreɛ.
3 Aboa a ɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no, ɔnyi n’afã a ɛdidi so yi mfa nyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa:+ sradeɛ+ a ɛkata ne yam adeɛ ho, nsono no ho sradeɛ nyinaa, 4 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+
12 Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ egya wɔ afɔrebukyia no so daa, na ɛnsɛ sɛ ɛdum. Ma ɔsɔfoɔ no mfa anyina+ ngu so nhye no anɔpa biara na ɔmfa aboa a wɔde no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no nto so, na ɔmma asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no sradeɛ nhye wɔ so.+