-
Leviticus 4:8-10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 “‘Ma no nyi nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no sradeɛ a ɛkata ne yam adeɛ ho, nsono no ho sradeɛ nyinaa, 9 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Afei ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+ 10 Monyɛ no sɛdeɛ moyɛ nantwie a wɔde bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no.+ Ma ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no so.
-