-
Numeri 15:22-24Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
22 “‘Na sɛ modi mfomsoɔ, na moanni mmara a Yehowa de maa Mose yi nyinaa so, 23 kyerɛ sɛ, mmara a Yehowa nam Mose so de maa mo, a ɛyɛɛ adwuma firii da a Yehowa de maa mo, a ɛbɛkɔ so ayɛ adwuma akɔsi mo awoɔ ntoatoasoɔ so no, 24 na sɛ ɛnyɛ boapayɛ, na asafo no nnim ho hwee a, ɛnneɛ asafo no nyinaa mfa nantwinini kumaa baako mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* mma Yehowa, na wɔmfa ɛho aduane afɔreɛ ne nsã afɔreɛ nka ho sɛdeɛ wɔyɛ no daa no,+ na wɔmfa apɔnkye ba baako nso mmɔ bɔne ho afɔreɛ.+
-