Numeri
15 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Wo ne Israelfoɔ nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ moduru asaase a mede ama mo sɛ monkɔtena so no so,+ 3 na mode nantwie anaa odwan bɔ afɔreɛ a wɔde egya hye ma Yehowa a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ oo,+ bɔhyɛ titire ho afɔreɛ oo, ayamyɛ afɔreɛ oo,+ afɔreɛ a morebɔ no afahyɛ berɛ+ oo, sɛ mopɛ sɛ ɛyɛ hwam* ma Yehowa a,+ 4 ɛsɛ sɛ deɛ ɔrebɛbɔ afɔreɛ no de ngo hin* nkyɛmu nnan mu baako fra esiam muhumuhu+ efa nkyɛmu du mu baako* na ɔde bɔ aduane afɔreɛ nso ma Yehowa. 5 Afei nso, momfa nsã* hin nkyɛmu nnan mu baako mmɔ nsã afɔreɛ nka ɔhyeɛ afɔreɛ anaa odwennini kumaa afɔreɛ biara ho.+ 6 Na sɛ odwennini na mode reba a, momfa ngo hin nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mfra esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu mmienu, na momfa mmɛbɔ aduane afɔreɛ. 7 Na momfa nsã* hin nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mmɛbɔ nsã afɔreɛ hwamhwam* mma Yehowa.
8 “‘Nanso sɛ mode nantwinini rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ anaa bɔhyɛ titire afɔreɛ+ anaa asomdwoeɛ afɔreɛ ama Yehowa a,+ 9 momfa ngo hin fã mfra esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho mmɛbɔ aduane afɔreɛ.+ 10 Afei nso, momfa nsã* hin fã mmɛbɔ nsã afɔreɛ,+ momfa mmɛbɔ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye mma Yehowa. 11 Berɛ biara a mode nantwinini anaa odwennini anaa odwennini kumaa anaa apɔnkye bɛba no, saa na ɛsɛ sɛ moyɛ. 12 Mmoa dodoɔ biara a mode bɛba abɛbɔ afɔreɛ no, saa na monyɛ emu biara, sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ. 13 Obiara a wɔwoo no Israelni no, sɛ ɔrebɛbɔ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye ama Yehowa a, saa na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no.
14 “‘Sɛ ɔhɔhoɔ bi abɛsoɛ mo mu, anaa watena mo mu mo awoɔ ntoatoasoɔ pii mu, na ɔpɛ sɛ ɔbɔ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye ma Yehowa a, sɛdeɛ moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ no.+ 15 Ahyɛdeɛ baako na ɛwɔ hɔ ma asafo no ne ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu no nyinaa. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɔhɔhoɔ ne mo nyinaa bɛyɛ pɛ wɔ Yehowa anim.+ 16 Mmara baako ne atemmusɛm baako na ɛwɔ hɔ ma mo ne ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu no nyinaa.’”
17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18 “Wo ne Israelfoɔ nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ moduru asaase a mede mo rekɔ so no so, 19 na modi asaase no so aduane* biara a,+ monyi ntoboa mma Yehowa. 20 Momfa esiam a ɛfiri mo aba a ɛdi kan mu no nto paanoo a ɛte sɛ kawa mmɛyi ntoboa.+ Sɛdeɛ mode ayuporobea ntoboa ba no, saa ara na momfa wei nso mmra. 21 Momfa esiam a ɛfiri mo aba a ɛdi kan mu no bi nyɛ ntoboa mma Yehowa, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
22 “‘Na sɛ modi mfomsoɔ, na moanni mmara a Yehowa de maa Mose yi nyinaa so, 23 kyerɛ sɛ, mmara a Yehowa nam Mose so de maa mo, a ɛyɛɛ adwuma firii da a Yehowa de maa mo, a ɛbɛkɔ so ayɛ adwuma akɔsi mo awoɔ ntoatoasoɔ so no, 24 na sɛ ɛnyɛ boapayɛ, na asafo no nnim ho hwee a, ɛnneɛ asafo no nyinaa mfa nantwinini kumaa baako mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* mma Yehowa, na wɔmfa ɛho aduane afɔreɛ ne nsã afɔreɛ nka ho sɛdeɛ wɔyɛ no daa no,+ na wɔmfa apɔnkye ba baako nso mmɔ bɔne ho afɔreɛ.+ 25 Na ɔsɔfoɔ no mpata mma Israel asafo no nyinaa bɔne, na wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn,+ ɛfiri sɛ na ɛnyɛ boapayɛ. Afei nso, wɔbɔɔ afɔreɛ a wɔde egya hye maa Yehowa, na wɔbɔɔ wɔn bɔne ho afɔreɛ wɔ Yehowa anim ɛsiane wɔn mfomsoɔ no nti. 26 Wɔde bɛkyɛ Israel asafo no nyinaa ne ahɔhoɔ a wɔabɛtena wɔn mu no, ɛfiri sɛ ɛyɛ mfomsoɔ a ɔman no nyinaa diiɛ.
27 “‘Sɛ onipa* bi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, ɔmfa apɔnkyebedeɛ a wadi bɛyɛ afe mmɛbɔ bɔne ho afɔreɛ.+ 28 Ɔsɔfoɔ no mpata mma onipa* a wanhyɛ da a ɔyɛɛ bɔne wɔ Yehowa anim no. Ɔmpata mma ne bɔne no, na wɔde bɛkyɛ no.+ 29 Sɛ obi a wɔwoo no Israelni anaa ɔhɔhoɔ a wabɛtena wɔn mu no anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, mmara koro na ɛwɔ hɔ ma wɔn nyinaa.+
30 “‘Nanso sɛ onipa* bi hyɛ da yɛ bɔne a,+ watwa Yehowa adapaa. Enti sɛ wɔwoo no Israelni oo, sɛ ɔyɛ ɔhɔhoɔ oo, wɔnku* no mfiri ne man mu. 31 Ɛsiane sɛ saa onipa* no abu Yehowa asɛm animtia na wabu n’ahyɛdeɛ so nti, sɛdeɛ ɛteɛ biara monku no.*+ Ɔno ara bɛsoa ne bɔne.’”+
32 Berɛ a Israelfoɔ no wɔ serɛ so no, wɔhuu ɔbarima bi sɛ ɔresesa anyina Homeda.+ 33 Wɔn a wɔhuu sɛ ɔresesa anyina no de no baa Mose ne Aaron ne asafo no nyinaa anim. 34 Na wɔde no too dan mu,+ ɛfiri sɛ na wɔnkyerɛɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔde yɛ no.
35 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔnku ɔbarima no;+ ɛsɛ sɛ asafo no nyinaa si no aboɔ wɔ asoɛeɛ no akyi.”+ 36 Enti asafo no nyinaa de no kɔɔ asoɛeɛ no akyi, na wɔsii no aboɔ kum no, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
37 Yehowa toaa so kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose sɛ: 38 “Wo ne Israelfoɔ nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, wɔne wɔn nkyirimma* nyinaa nnwene mmɛsa wɔ wɔn ntaadeɛ ano, na wɔmfa ahoma bruu nto mmɛsa no so.+ 39 ‘Monnwene mmɛsa no wɔ mo ntaadeɛ ano sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu na akae mo Yehowa ahyɛdeɛ nyinaa na moadi so.+ Ɛnsɛ sɛ modi mo ankasa mo akoma ne mo aniwa akyi. Ɛno na modi akyire a ɛmma monni me nokorɛ no.*+ 40 Wei bɛma moakae m’ahyɛdeɛ nyinaa na moadi so, na moayɛ kronkron ama mo Nyankopɔn.+ 41 Mene Yehowa mo Nyankopɔn, me na meyii mo firii Egypt asaase so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛ mene mo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”+