14 “‘Sɛ ɔhɔhoɔ bi te mo mu a, ɔno nso nni Twam no mma Yehowa.+ Ɔnni no sɛdeɛ Twam no ho mmara ne ɛho nhyehyɛeɛ teɛ.+ Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo, ɔhɔhoɔ ne kuromanni nyinaa.’”+
15 Ahyɛdeɛ baako na ɛwɔ hɔ ma asafo no ne ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu no nyinaa. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɔhɔhoɔ ne mo nyinaa bɛyɛ pɛ wɔ Yehowa anim.+