Numeri
9 Berɛ a Israelfoɔ firii Egypt asaase so no, afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛdi kan mu no,+ Yehowa ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai serɛ so sɛ: 2 “Sɛ berɛ so a, Israelfoɔ no nni Twam no.+ 3 Bosome yi da a ɛtɔ so 14 no anwummerɛ* na monni. Monni no berɛ a wɔahyɛ no. Monyɛ no sɛdeɛ ɛho mmara nyinaa ne ɛho nhyehyɛeɛ nyinaa teɛ.”+
4 Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ wɔnni Twam no. 5 Na wɔdii Twam no bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 14 no anwummerɛ.* Wɔdii wɔ Sinai serɛ so. Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa pɛpɛɛpɛ na Israelfoɔ no yɛeɛ.
6 Nanso na mmarima bi wɔ hɔ a wɔde wɔn ho aka funu* ama wɔn ho agu fĩ,+ enti wɔantumi anni Twam no saa da no. Ɛnna saa mmarima no kɔɔ Mose ne Aaron anim saa da no.+ 7 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛde yɛn ho aka funu* ama yɛn ho agu fĩ deɛ, nanso sɛ Israelfoɔ de wɔn afɔreɛ reba Yehowa anim a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔyi yɛn firi mu?”+ 8 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwɛn wɔ hɔ na mentie deɛ Yehowa bɛka afa mo ho.”+
9 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mo mu bi anaa mo asefoɔ no bi de ne ho ka efunu* ma ne ho gu fĩ,+ anaa ɔtu kwan kɔ akyirikyiri mpo a, ɛsɛ sɛ ɔdi Twam no ma Yehowa. 11 Wɔnni no bosome a ɛtɔ so mmienu no+ da a ɛtɔ so 14 no anwummerɛ.* Wɔmfa paanoo a mmɔka* nnim ne nhaban a ɛyɛ nwono nka ho nni.+ 12 Ɛnsɛ sɛ wɔgya bi ma adeɛ kye so,+ na ɛnsɛ sɛ wɔbu ne dompe biara mu.+ Wɔnyɛ no sɛdeɛ Twam no ho mmara nyinaa teɛ. 13 Na sɛ obi ho te, na ɔntuu kwan, nanso ɔbu n’ani gu Twam no so a, wɔnku* saa onipa* no mfiri ne man mu,+ ɛfiri sɛ wamfa Yehowa afɔreɛ ammrɛ no wɔ berɛ a wɔahyɛ no. Saa onipa no bɛnya ne bɔne so akatua.
14 “‘Sɛ ɔhɔhoɔ bi te mo mu a, ɔno nso nni Twam no mma Yehowa.+ Ɔnni no sɛdeɛ Twam no ho mmara ne ɛho nhyehyɛeɛ teɛ.+ Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo, ɔhɔhoɔ ne kuromanni nyinaa.’”+
15 Da a wɔsii ɔsom ntomadan no,+ mununkum bɛkataa ɔsom ntomadan no so, Adanseɛ ntomadan no. Nanso ɛduruu anwummerɛ no, biribi a ɛte sɛ egya kataa ɔsom ntomadan no so maa adeɛ kyee.+ 16 Saa na ɛkɔɔ so daa: Sɛ ɛduru anɔpa a na mununkum abɛkata so, na sɛ ɛduru anadwo a na biribi a ɛte sɛ egya akata so.+ 17 Sɛ mununkum no firi ɔsom ntomadan no so a, ntɛm ara na Israelfoɔ no atu,+ na baabi a mununkum no bɛgyina no, ɛhɔ na Israelfoɔ no bɛsoɛ.+ 18 Sɛ Yehowa ka sɛ Israelfoɔ no ntu a, na wɔatu, na sɛ wɔduru baabi na Yehowa ka sɛ wɔnsoɛ a, na wɔasoɛ.+ Nna dodoɔ a mununkum no bɛdi wɔ ɔsom ntomadan no so no, saa nna dodoɔ no na wɔde bɛtena hɔ. 19 Sɛ mununkum no di nna pii wɔ ɔsom ntomadan no so mpo a, na Israelfoɔ no tie Yehowa, na na wɔntu.+ 20 Ɛtɔ da a, na mununkum no di nna kakra wɔ ɔsom ntomadan no so. Sɛ Yehowa ka sɛ wɔnkɔ so ntena hɔ a, na wɔatena, na Yehowa ka sɛ wɔntu a, na wɔatu. 21 Ɛtɔ da nso a, na mununkum no kata so firi anwummerɛ kɔsi anɔpa nko ara, na sɛ ɛduru anɔpa na mununkum no firi so a, na wɔatu. Sɛ anɔpa na ɛbɛfiri so oo, sɛ anadwo oo, saa berɛ no na wɔtu.+ 22 Enti sɛ mununkum no di nnanu anaa bosome anaa deɛ ɛboro saa wɔ ɔsom ntomadan no so, na sɛ ɛmfirii so a, Israelfoɔ no kɔ so tena hɔ a wɔntu. Na sɛ ɛfiri so a, na wɔatu. 23 Sɛ Yehowa ka sɛ wɔntu a, na wɔatu, na sɛ wɔduru baabi na Yehowa ka sɛ wɔnsoɛ a, na wɔasoɛ. Wɔyɛɛ setie maa Yehowa, na wɔyɛɛ deɛ Yehowa nam Mose so kaeɛ nyinaa.