Numeri
9 Berɛ a Israelfoɔ firii Egypt no akyi afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛdi kan+ no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai serɛ so sɛ: 2 “Sɛ berɛ sõ+ a, Israelfoɔ nsiesie twam+ afɔdeɛ no. 3 Bosome yi da a ɛtɔ so dunan anwummerɛ+ na monsiesie. Monyɛ no sɛdeɛ ɛho mmara ne ɛho nhyehyɛeɛ teɛ.”+
4 Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ wɔnsiesie twam afɔdeɛ no. 5 Enti bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan anwummerɛ no, wɔsiesiee twam afɔdeɛ no wɔ Sinai serɛ so. Deɛ Yehowa hyɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ na Israelfoɔ no yɛeɛ.+
6 Nanso na nnipa bi de efunu* agu wɔn ho fĩ,+ enti wɔantumi ansiesie twam afɔdeɛ no saa da no. Na da no ara wɔbaa Mose ne Aaron nkyɛn.+ 7 Afei wɔbisaa wɔn sɛ: “Efunu* agu yɛn ho fĩ deɛ, nanso sɛ berɛ sõ sɛ Israelfoɔ de ayɛyɛdeɛ brɛ Yehowa a, adɛn nti na yɛnni hokwan sɛ yɛyɛ saa?”+ 8 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwɛn na mentie deɛ Yehowa bɛka no asɛm no ho.”+
9 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Sɛ ɛba sɛ efunu* ma mo mu bi anaa mo nkyirimma bi ho gu fĩ+ anaa sɛ ɔtu kwan a, ɛsɛ sɛ ɔno nso siesie twam afɔrebɔdeɛ no ma Yehowa. 11 Bosome a ɛtɔ so mmienu+ no da a ɛtɔ so dunan anwummerɛ na wɔnsiesie. Wɔmfa paanoo a mmɔreka nnim ne ɛfan nwononwono nka ho nni.+ 12 Ɛnsɛ sɛ wɔgya bi ma adeɛ kye soɔ,+ na wɔmmmu dompe biara mu.+ Wɔnyɛ no sɛdeɛ twam no ho mmara nyinaa teɛ.+ 13 Na sɛ obi ho te na ɔntuu kwan nanso ɔbu n’ani gu twam afɔdeɛ no so a, wɔntwa saa ɔkra no mfiri ne man mu.+ Saa nipa no bɛsoa ne bɔne,+ ɛfiri sɛ wamfa Yehowa afɔrebɔdeɛ ammrɛ no ne berɛ mu.
14 “‘Sɛ ɔhɔhoɔ bi te mo mu a, ɔno nso nsiesie twam afɔdeɛ no mma Yehowa.+ Ɔnyɛ no sɛdeɛ twam no ho mmara ne ɛho nhyehyɛeɛ teɛ.+ Mmara korɔ no ara na ɛwɔ hɔ ma ɔhɔhoɔ ne kuromanni nyinaa.’”+
15 Da a wɔsii ntomadan+ no, mununkum bɛkataa Adanseɛ ntomadan+ kronkron no so. Na anwummerɛ no biribi a ɛte sɛ egya+ bɛkataa ntomadan no so maa adeɛ kyeeɛ. 16 Saa na ɛkɔɔ so daa: Sɛ ɛduru anɔpa a na mununkum abɛkata so, na sɛ ɛduru anadwo a na biribi te sɛ egya abɛkata so.+ 17 Sɛ mununkum no firi ntomadan no so pɛ, na Israelfoɔ no atu,+ na baabi a mununkum no bɛgyina no, ɛhɔ na Israelfoɔ no bɛsoɛ.+ 18 Sɛ Yehowa ka sɛ Israelfoɔ no ntu a, na wɔatu, na sɛ wɔduru baabi na Yehowa ka sɛ wɔntena hɔ a, na wɔatena.+ Nna dodoɔ a mununkum no bɛdi no ntomadan no soɔ no, saa berɛ no na wɔde bɛtena hɔ. 19 Sɛ Israelfoɔ no duru baabi na mununkum no kyɛre ntomadan no so mpo a, wɔyɛ ɔsetie ma Yehowa na wɔntu mfiri hɔ.+ 20 Ɛtɔ da bi a na mununkum no di nna kakraa bi wɔ ntomadan no so. Ne nyinaa mu no, sɛ Yehowa ka sɛ+ wɔntena a, na wɔatena, na Yehowa ka sɛ wɔntu a, na wɔatu. 21 Ɛtɔ da bi a, mununkum no kata so firi anwummerɛ kɔsi anɔpa, na sɛ ɛduru anɔpa na mununkum+ no firi so a, na wɔatu. Sɛ anɔpa na ɛbɛfiri so oo, sɛ anadwo oo, wɔtu saa berɛ no.+ 22 Enti sɛ mununkum no di nnanu anaa bosome anaa deɛ ɛboro saa wɔ ntomadan no so a, Israelfoɔ no tena hɔ a wɔntuo, na sɛ ɛfiri so a, wɔtu firi hɔ.+ 23 Sɛ Yehowa ka sɛ wɔnsoɛ baabi a, na wɔasoɛ, na Yehowa ka sɛ wɔntu a, na wɔatu. Wɔyɛɛ ɔsetie+ maa Yehowa, na wɔyɛɛ deɛ Yehowa nam Mose so hyɛeɛ nyinaa.+