Numeri
10 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Boro dwetɛ yɛ ntotorobɛnto+ mmienu. Na berɛ biara a wopɛ sɛ nnipa no bɔ dwa+ anaa wɔtu kɔ baabi foforɔ no, wɔnhyɛne ntotorobɛnto no. 3 Wopɛ sɛ wohyia asafo no nyinaa a, wɔnhyɛne mmienu no nyinaa mfrɛ wɔn mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano.+ 4 Na sɛ wɔhyɛne baako pɛ a, Israel atitire a wɔdeda mpempem ano no mmɛhyia wo.+
5 “Sɛ mohyɛne totorobɛnto no ma ne nnyegyeeɛ kɔ soro ba fam a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔte apueeɛ fam+ no firi aseɛ tuo. 6 Sɛ mohyɛne ma nnyegyeeɛ no kɔ soro ba fam ne mprenu soɔ a, wɔn a wɔte anafoɔ fam+ no bɛfiri aseɛ atu. Berɛ biara a wɔn mu bi bɛtuo no, wɔnhyɛne mma nnyegyeeɛ no nkɔ soro mmra fam.
7 “Sɛ morefrɛ asafo no abɛhyiam a, monhyɛne+ ntotorobɛnto no, nanso ɛnsɛ sɛ moma nnyegyeeɛ no kɔ soro ba fam. 8 Aaron mma asɔfoɔ no na wɔbɛhyɛne ntotorobɛnto+ no, na mobɛdi ahyɛdeɛ yi so daa, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
9 “Sɛ ɛba sɛ mo ne mo atamfo a wɔretan mo ani no+ rekɔko a, monhyɛne ntotorobɛnto no mfrɛ dɔm.+ Moyɛ saa a, Yehowa mo Nyankopɔn bɛkae mo na wagye mo afiri mo atamfo nsam.+
10 “Sɛ moregye mo ani+ oo, morehyɛ fã+ oo, morefiri bosome foforɔ+ bi ase oo, monhyɛne ntotorobɛnto no ngu ɔhyeɛ+ ne asomdwoeɛ+ afɔdeɛ a mobɛbɔ no so. Moyɛ saa a, ɛbɛyɛ nkaeɛ adeɛ mo Nyankopɔn anim ama mo. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.”+
11 Afei afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so aduonu+ no, mununkum no firii Adanseɛ ntomadan+ no so. 12 Ɛbaa saa no, Israelfoɔ no siim firii Sinai serɛ so, sɛdeɛ wɔn akwantuo nhyehyɛeɛ teɛ,+ na mununkum no bɛgyinaa Paran serɛ so.+ 13 Wɔtuu deɛ ɛdi kan, sɛdeɛ Yehowa nam Mose so kaeɛ no.+
14 Mmusua mmiɛnsa a wɔwɔ Yuda nsraban mu no na wɔdii kan tuiɛ sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ.+ Deɛ na ɔda wɔn ano ne Aminadab ba Naason.+ 15 Deɛ na ɔda Isakar abusuakuo mu dɔm ano ne Suar ba Netanel.+ 16 Deɛ na ɔda Sebulon abusuakuo mu dɔm ano ne Helon ba Eliab.+
17 Afei wɔtutuu ntomadan no,+ na Gerson abusua+ no ne Merari abusua+ no soa kɔeɛ.
18 Na mmusua mmiɛnsa a wɔwɔ Ruben nsraban mu+ no nso tuu sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ. Deɛ na ɔda wɔn ano ne Sedeo ba Elisur.+ 19 Deɛ na ɔda Simeon abusuakuo+ mu dɔm ano ne Surisadai ba Selumiel.+ 20 Deɛ na ɔda Gad abusuakuo mu dɔm ano ne Deuel ba Eliasaf.+
21 Na Kohatfoɔ no soasoaa kronkronbea+ hɔ nneɛma siim kɔeɛ, ɛfiri sɛ na ɛsɛ sɛ wɔsi ntomadan no ansa na wɔaba.
22 Na mmusua mmiɛnsa a wɔwɔ Efraim nsraban+ mu no tuu sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ. Deɛ na ɔda wɔn ano ne Amihud ba Elisama.+ 23 Deɛ na ɔda Manase abusuakuo+ mu dɔm ano ne Pedasur ba Gamaliel.+ 24 Deɛ na ɔda Benyamin abusuakuo+ mu dɔm ano ne Gideoni ba Abidan.+
25 Mmusua mmiɛnsa a wɔwɔ Dan nsraban+ mu no nso tuiɛ. Wɔn na wɔbɔɔ asafo no nyinaa kyidɔm,+ na deɛ na ɔda wɔn ano ne Amisadai ba Ahiesa.+ 26 Deɛ na ɔda Aser abusuakuo+ mu dɔm ano ne Okran ba Pagiel.+ 27 Deɛ na ɔda Naftali abusuakuo+ mu dɔm ano ne Enan ba Ahira.+ 28 Berɛ a Israelfoɔ ne wɔn dɔm tuiɛ no, yei ne nhyehyɛeɛ a wɔyɛ maa wɔn akwantuo no.+
29 Afei Mose ka kyerɛɛ Hobab a ɔyɛ Mose ase Midianni Reuel+ ba no sɛ: “Yɛretu akɔ baabi a Yehowa kaa sɛ, ‘Mede bɛma mo’+ no. Bra ma yɛnkɔ, na yɛbɛyɛ wo yie,+ ɛfiri sɛ Yehowa aka Israel ho anigyesɛm.”+ 30 Nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Merenkɔ, na mɛkɔ me man mu,+ m’abusuafoɔ nkyɛn.” 31 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Yɛsrɛ wo, nnya yɛn hɔ na wo na wonim serɛ yi so baabi a ɛyɛ sɛ yɛtena, enti bɛyɛ aniwa ma yɛn. 32 Sɛ wo ne yɛn kɔ+ a, papa a Yehowa bɛyɛ yɛn biara no, yɛn nso yɛbɛyɛ wo bi.”
33 Enti wɔfirii Yehowa bepɔ+ no ho tuu nnansa kwan, na Yehowa apam adaka+ no dii wɔn anim nnansa hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ.+ 34 Wɔtu firii wɔn atenaeɛ hɔ no, na Yehowa mununkum+ wɔ wɔn so awia.
35 Na sɛ Adaka no sim sɛ ɛrekɔ a, Mose ka sɛ: “O Yehowa, sɔre ma w’atamfo mmɔ mpete,+ na ma wɔn a wɔkyiri woɔ no nnwane mfiri w’anim.”+ 36 Na sɛ ɛbɛsoɛ baabi a, ɔka sɛ: “O Yehowa, san bra Israelfoɔ mpempem huhaa+ no nkyɛn.”