Numeri
10 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Yɛ ntotorobɛnto+ mmienu. Fa hamma* boro dwetɛ fa yɛ. Ɛno na wode bɛfrɛ asafo no abɛhyia anaasɛ wode bɛma wɔatu akɔ baabi foforɔ. 3 Sɛ wɔhyɛn mmienu no nyinaa a, asafo no nyinaa bɛboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano.+ 4 Na sɛ wɔhyɛn totorobɛnto baako pɛ a, Israel mpanimfoɔ a wɔdeda apem apem ano no, wɔn nko ara na wɔbɛboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn.+
5 “Sɛ mohyɛn totorobɛnto no ma ne nnyegyeeɛ kɔ soro ba fam a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn asoɛeɛ wɔ apueeɛ fam no tu.+ 6 Sɛ mohyɛn totorobɛnto no ma nnyegyeeɛ no kɔ soro ba fam ne mprenu so a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn asoɛeɛ wɔ anaafoɔ fam no tu.+ Berɛ biara, sɛ wɔn mu bi rebɛtu a, wɔnhyɛn mma nnyegyeeɛ no nkɔ soro mmra fam.
7 “Sɛ morefrɛ asafo no abɛhyiam a, monhyɛn ntotorobɛnto no,+ nanso ɛnsɛ sɛ moma nnyegyeeɛ no kɔ soro ba fam. 8 Aaron mma asɔfoɔ no na wɔbɛhyɛn ntotorobɛnto no.+ Ɛkwan a wɔfa so hyɛn ntotorobɛnto no, ɛbɛyɛ mmara a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
9 “Sɛ atamfo a wɔretan mo ani ba mo asaase so sɛ wɔne mo rebɛko a, monhyɛn ntotorobɛnto no mfrɛ ɔman no nkɔ ɛko.+ Na Yehowa mo Nyankopɔn bɛkae mo na wagye mo afiri mo atamfo nsam.
10 “Afei nso, berɛ a moregye mo ani,+ te sɛ berɛ a morehyɛ fã,+ anaa berɛ a morefiri bosome foforɔ ase no, monhyɛn ntotorobɛnto no ngu mo hyeɛ afɔreɛ+ ne mo asomdwoeɛ afɔreɛ+ no so. Ɛbɛma wɔakae mo wɔ mo Nyankopɔn anim. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.”+
11 Afei afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so 20 no,+ mununkum no firii Adanseɛ ntomadan no so.+ 12 Enti Israelfoɔ no firii aseɛ tu firii Sinai serɛ so, sɛdeɛ wɔahyehyɛ wɔn sɛ wɔretu a wɔnyɛ no.+ Na mununkum no kɔgyinaa Paran serɛ so.+ 13 Wei ne deɛ ɛdi kan a wɔtuiɛ, sɛdeɛ Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn no.+
14 Enti mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Yuda abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no na wɔdii kan tuiɛ. Aminadab ba Naason+ na na ɔda n’abusuakuo asraafoɔkuo ano. 15 Suar ba Netanel+ na na ɔda Isakar abusuakuo asraafoɔkuo ano. 16 Helon ba Eliab+ na na ɔda Sebulon abusuakuo asraafoɔkuo ano.
17 Berɛ a wɔtutuu ɔsom ntomadan no,+ Gersonfoɔ+ ne Merarifoɔ+ a wɔsoa ɔsom ntomadan no tui.
18 Na mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Ruben abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no tui. Sedeo ba Elisur+ na na ɔda n’abusuakuo asraafoɔkuo ano. 19 Surisadai ba Selumiel+ na na ɔda Simeon abusuakuo asraafoɔkuo ano. 20 Deuel ba Eliasaf+ na na ɔda Gad abusuakuo asraafoɔkuo ano.
21 Na Kohatfoɔ a wɔsoa tenabea kronkron hɔ nneɛma no+ tui. Ná ɛsɛ sɛ wɔsi ɔsom ntomadan no wie ansa na wɔaduru hɔ.
22 Na mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Efraim abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no tui. Amihud ba Elisama+ na na ɔda n’abusuakuo asraafoɔkuo ano. 23 Pedasur ba Gamaliel+ na na ɔda Manase abusuakuo asraafoɔkuo ano. 24 Gideoni ba Abidan+ na na ɔda Benyamin abusuakuo asraafoɔkuo ano.
25 Na mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Dan abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no tui. Wɔn na wɔbɔɔ asafo no nyinaa kyidɔm. Amisadai ba Ahiesa+ na na ɔda n’abusuakuo asraafoɔkuo ano. 26 Okran ba Pagiel+ na na ɔda Aser abusuakuo asraafoɔkuo ano. 27 Enan ba Ahira+ na na ɔda Naftali abusuakuo asraafoɔkuo ano. 28 Sɛ Israelfoɔ ne wɔn asraafoɔkuo retu a, wei ne nhyehyɛeɛ a na wɔde yɛ adwuma.+
29 Afei Mose ka kyerɛɛ Hobab a ɔyɛ Mose ase Midianni Reuel*+ ba no sɛ: “Yɛretu akɔ baabi a Yehowa kaa sɛ, ‘Mede bɛma mo’ no.+ Bra ma yɛnkɔ,+ na yɛbɛyɛ wo yie, ɛfiri sɛ Yehowa de nneɛma pa ahyɛ Israel bɔ.”+ 30 Nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Merenkɔ. Mɛsan akɔ me man mu ne m’abusuafoɔ nkyɛn.” 31 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, nnya yɛn hɔ, ɛfiri sɛ wo na wonim baabi a ɛsɛ sɛ yɛkyekyere asoɛeɛ wɔ serɛ yi so. Wobɛtumi akyerɛ yɛn kwan.* 32 Sɛ wo ne yɛn kɔ a,+ papa a Yehowa bɛyɛ yɛn biara no, sɛdeɛ ɛteɛ biara yɛn nso yɛbɛyɛ wo bi.”
33 Enti wɔfirii aseɛ nante firii Yehowa bepɔ no+ ho twaa nnansa kwan, na Yehowa apam adaka no+ dii wɔn anim wɔ nnansa akwantuo no mu hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ.+ 34 Sɛ wɔtu firi baabi a wɔakɔsoɛ no a, na Yehowa mununkum+ kata wɔn so awia.
35 Berɛ biara a wɔde Adaka no bɛsim akɔ no, Mose ka sɛ: “O Yehowa, sɔre,+ na ma w’atamfo mmɔ nhwete, na ma wɔn a wɔkyiri wo no nnwane mfiri w’anim.” 36 Na sɛ wɔsoɛ a, ɔka sɛ: “O Yehowa, san bra Israelfoɔ mpempem bebree+ no nkyɛn.”